Atuobi a ɔbɔ kroW’afro akokɔ abrɛ ne kwanKɔ gye ahumie a…wo se m’akɔfro akɔmfɛmNa wo betumi agyina ne kwan ano?Asɛm sɛbɛ! B.Atuobi a ɔpiti ɔhawW’apam ɔkraman sɛ ne ho kankanAni anbɔ tɛtɛ…wo se me ne atui na ɛgro broAsɛm sɛbɛ! D.Atuobi a ɔbra mmraW’abra oguan mmɛɛAso annte dinn…wo se me dɔ apɔnkye pumɛɛAsɛm sɛbɛ! E.Atuobi […]
Tag: #Anwensem
ƆHENE NE AKORA
Ɔkrɔmfoɔ bɛtumi ahyɛ esum ataadeɛ…abɔ adwuma te sɛ mfidi-braneNanso, sɛ ewiemu nsakrayɛ yɛ Ɔbɔɔadeɛ nsa ano adwuma yi nkoaa deɛDakoro awia bɛtu sum ama ani ahunu nsa a…ɛde adesayɛ adane ataadeɛ…ewia amansan noEnti hwɛ na sua prɔyɛ mu nkyerkyerɛ BKrɔno bɛtumi ama tumi…nso tumi no bɛtumi adane Fomena nsɛmnsɛm…ama wo nsa akɔhyɛ w’atanfo anum…wɔ ɛbre […]
Sɛ afe yi w’atumi agye Afehyia PaNa wo gu so ti nkwa mu a Ɛneɛ fa aseda gyampantrudu a ɛtisɛ Afa Djato…ma Ɔbrempong Nyame a ɔhume nkwa gu wo mu daa daa Efirisɛ w’atwa kwan a ɛbro owuo anamɔnso B.Afe yiDane wo suban ani …na fa papayɛ bɔ wo braSɛ wo yɛ sum ne prɔyɛ […]
Ayɛ Bronya yi Na abɔfra Yesu awoɔ abɛhyira ewiase yi Dane wo ho ɔdɔ safoa…fa bue ohia nkoa…a wɔn gu ahohiahia kokomu Mo ma Akristofoɔ ho nyɛ amanaman akɔnɔ wɔ nhyira mu B.Ayɛ Bronya yi Nya akomapa bi Fa dwene w’atanfo ho sɛ obi a ɔfata ɔdɔNna ma ɔtan ne akomahuro no nkɔ D.Bronya nnyɛ […]
Ɛmerɛ bi a atwamu Ɔpramire wɔre ne ho wɔ petee mu …maa mmoa nwansan…akokɔ…ne ɔdenkyɛm hunu yɛ Ɔpramire honam fɛfɛɛfɛ a ne ho wurɔ yi kyerɛ mmoa no…ma wɔn yɛ wɔn adwene sɛ…wɔn nso bɛ wurɔ wurɔ wɔn ho B.Mmoa no nyinaa kɔɔ bɛn korɔ mu kaa sɛ …ɔdɛnkyɛm na ne ho yɛ dene san […]
ABATOƆ MERƐ YI
Abatoɔ merɛ yi Timanmufoɔ eei Mma mo ndane asuoden bankyi …wɔ amanmuo fufu wɔ yi mu Ɛmma banbɔfoɔ nsa nyinyi mo nto ntwene aban kokomu …ɛnsɛi m’abrabɔSɛ mpo banbɔfoɔ nsa tra mo a …amanyɔfoɔ bɛtumi atwamu nkɔntɔnmoa …amma abrɔfoɔ nkranee abɛ didi mo mu…adane ɔman yi asɛifoɔ agyanan B.Abatoɔ mere yi Nsɛmkyerɛwfoɔ eeei Mma mo […]
Yɛ de ahoɔfɛ tumi tɔ akɔnɔ…nso mere de anibue gu n’agorɔSɛ suban de mere kasa a, ɛdane mpamborɔ B.Yɛ de nnaadaa tumi tɔ gyidie…nso mere hyɛda tɔ anibue…ma gyidie dane tumidie…a ɔtan epia ma ahoyera ɛpono bue…borɔ ɔdaadaafoɔ no te sɛ abirekyie D.Yebetumi de sika atɔ debrɛ…nanso merɛ yi nyansahwee kyerɛ…ma aniwa tɔ aniwo ma […]
ƐNFA ASOMDWOE MMƆ MƆKWAA
Ɛnfa asomdwoe mmɔ mɔkwaaEfirisɛ ɛbɛ dani wo atitikwaaAma ewiase ayɛ wo ne wo man nsɛmkwaaƐde ahiyie asre wo kwa B.Ɛnfa asomdwoe nnyɛ agorodie Efirisɛ akakabenfoɔ bɛ dani no afidie Ama aniberefoɔ abɔ wo man nkofie Adua basabasayɔ abɔ wo fie D.Ɛnfa asomdwoe ɛngoro mmɛdamase Efirisɛ amanaman bi edidi w’asePɛsɛ wo man hwi ase Na daa […]
Odupɔn bi atutu…ama Ghanaman abutuƆmama bi adi asamando kanAma ato Ghanaman awerɛhow akenkanAno bebree resuNisuo bebree reguNanso yɛbɛyɛ no dɛn owuo buo yi mu?Ɔbra biara twa owuo B. Ebinom eesu de amo eegya no kwan noNa ebi nso de adapaa nenam muWei na ɛkyerɛ sɛOdikanfo papa biara nni hɔ a ontia nansoa bi nom soSɛ […]
Animtia nnyɛ ɛsom aduroNa asomfo anom de wɔn kotodwe…ananti ɔyiaw mmosia so dabiaaAnimtia wɔ hɔ yi, ɛtesɛ nsuo…sɛ ɛtae apɔnkyerɛni aNe mene mu kwan bubu te sɛ Jɛriko Afasuo no…ma nsu gurunyee no dani nsu fi…gye wuɔ bɛgu awuranom nan aseNti dwene san dwene bio…ansa w’abu wo yɔnko animtia B.Nnipa odwan betumi adani apɔnkye…sɛ animtia […]
YƐ AHWƐYIE
A.M’awe nkyewiɛ, adi akawAdi dɛ, asom ɔyiawM’ato m’adwenmu, akɔm ɔhawƐnso abrabɔ mu nsɛmsɛm gu so bɔ me huEnti onua…yɛ ahwɛyie B.Atiyie ɛnyɛ ahantan safoaN’ankampɛsɛ akɔyɛ tumi akonguaAtiyie ɛnyɛ ohuro ataadeɛN’akampɛsɛ akɔyɛ atrimuoden mpaboaƐnnɛ tumi akongua tumi dani nankwaaseni nkuguo pono ɔkyena biEnti onua…yɛ ahwɛyie D.Mmerɛ takra nnyɛ ɔbaakofo deaNa ɔde kukukuku afoforo akukuduro…adane awuduroAkum ahiafoɔEnti […]
ƆDƆ MU NSƐMSƐM
Ɛnɛ mu dɛ bɛtumi ayɛ ɔkyena mu nyonoEnti onua…sɛ wo de ɔdɔ mu ndadoa beram w’akomapono akyiDe akoma foforɔ sie mu aBɔ mɔdene hwɛ sɛ ne mpuma ano da hɔNa sɛ akoma no fa akuma dwedwa wo mu a…w’atumi anya baabi ahiri n’atoEfirisɛ ɛnɛ ɔdɔ betumi ayɛ ɔkyenabi tan B.Ɔdɔ wiemu nnyɛ anigye nkoa oƆdɔ […]
ƆpanyinƆpanyin a ɔpam nyin…san de nyin dane kɛntɛn butu mmɔfra B.ƆpanyinƆpanyin a wɔ de kyɛ nam…de tena ase ma nsa hyɛ damirifa mu…mma mmɔfra yɛ adwuma din D.ƆpanyinƆpanyin a ɔkasa ma obi nka biNso ne nsa ne ne nan nka sedua…hwɛ ma no fɔ E.ƆpanyinƆpayin a odi dodoɔ anim…pre som te sɛ bosom…gye nsa…gu ne […]
AFRAFRANTƆ AHOƆFƐ
Afrafrantɔ ho fɛ ntumi ndane no ɔkɔreɛMpo adɔfoɔ nisuo ntumi ndane afɔreɛ…mma no ntu nkɔsi ewiem abakɔnmuEnhwiren nkɔrimu aaa na ɔbɛfiifii…atu mu dɛEnti gyae afrafrantɔ ahoɔfɛ akyiri di…na fa w’ahoɔden yɛn ɔkɔreɛ B.Ɔkɔreɛ wɔ daakye aniwaƆnsan nso nni ntaban mu anihaN’ahoɔden aboɔden tu firi nɛ yi kosi daakye a…enniboɔ, efirisɛ sika biara ntumi nfa ne […]
PƐ ADWUMA YƐ
Adwuma pa ne nea etua wo ka…ɛbu wo tiboa bim…ɛsan tɔ aduane hyɛ w’afuruSɛ ɛbɛ pram wo fi o, Sɛ ɛbɛ fii tirimuhweefoɔ si ama wɔn asere wo o, Ɛnnyɛ wo ho mframa…nankampɛsɛ akɔma wo humeeEnti pɛ adwuma pa bi yɛ IINsa a ɛnyɛ adwuma frɛ ntitiyɛNtitiyɛ frɛ ekuroEkuro frɛ nwansenaNwansena frɛ nsansa nso tumi […]
Ayɛ fo oooƆmo bɔ no donkomi!Kristosom no ayɛ fooooEnti obiara nkɔtɔ bi!Efiri atifi kosi anaafoɔApueyɛ kɔpim atɔyɛObiara nfa ne kruwaa nkɔtɔ Kristosom no bi! B.Sesei wɔn atitiso sei huhuhuhuhuhuAdwamanbɔfoɔ tumi di nwomtofoɔ anim!Nea wohiaa ne sɛ…wo bɛ yɛ no wɔ sum aseAwingaafoɔ tumi yɛ nsɔrɛ nsɔre mpanyinfoɔNea wo hia ne sɛ…wo de nsɛmpaka bɛ brabra […]
BAABI A OBI FIRIE
Baabi a obi firieNyɛ wo haw ase mfifireNa wo de papa abɔ mu huu huu huuAgu n’anim ase asan ayɛ huuhuu B.Kasa a obi kaƐnnyɛ w’asɛm ho wɔ kaNa wo de ayɛ aseresɛmAma tirimuhweefoɔ de adi nkwasiasɛm D.Enti yɛ ahwɛyieMa ɔman yi asiesieNa atiyie yɛ asomdwoe ne ɔdɔ a abuoƐnnyɛ ɔtan ne ohuro ɛne ɛho […]
ABASOBƆDEƐ
Abasobɔdeɛ yɛ adeɛ ɛnka ɛwɔsɛ yɛde hyɛ…mɔdinbɔfoɔ denTe sɛ nea nsuo boa faango ma teaseanam bɔ adwuma noNso ɛnɛ yiBebree noa na adane abasobɔdeɛ adwamanfoɔWɔ mmere a wɔn abrabɔ mmɔ mmɔden wɔ adwumapa biara muƐbɛyɛdɛn na ɔtweabi nfa nnadaa ntafre amamafoɔ ano? B.Abasobɔdeɛ mu gu ahorowNea ɛhyɛ afoforɔfoɔ nkuranNea yɛde sika tiridii kɔ tɔ de […]
ƐBAN BIARA HIA NE BANBƆ
Dabi dabiAkoa bɛsɔre putum aka sɛ daabiAma aniwuo adane Owura…nwuraƐwɔ somboɔ tumi-…kro so ama ne tumi a ɔde tumi…wurɔ kawa fa abatiri de frɛ ɔyiaw aniwuo no…adane no ayiaw etuo aboba akono B.Dabi dabiOnibaabikɔ bɛkɔ baabiAma aniwa aniwa suboɔ…a dabiarada ano de dani no piraboɔAdane ahwehwɛ, ahwehwɛ…wɔn wuranom aniwuo abɔ wɔn suboɔ D.Dabi dabiAboa kankabi […]
SURO ASRAAFOƆ
Yɛ wɔ mmarima na yɛ wɔ Mmarima!Yɛ wɔ mmaa na yɛ wɔ Mmaa! Obi nhuri nfa ne nsa nkɔwɔ Ɔbonsam ani nfa ne ho ndiMmra de mmraSɛbi, ɔba kwasia na ɛde ntɔkwa foro ɔsraanii…dwene sɛ ɔbɛfa ne ho adiNea onni ahoɔden abetiri wɔ ne fie…na yɛ boro no wurɔ ne kawa fa n’abatiri B.Menua suro […]
ADƆFO YƐ NA
Sɛneɛ asikyire frɛ ntatiaEfunu frɛ nwansenaAkɔmbi frɛ moatiaSika ma nyansa noNyɛ saa na abrabɔ kɔ tɔɔtii ma ɔbrabiaraEnti nya asɛm hwɛ! B.Sɛ asan bɔ wo firi adefotepɛn…ɛbɛtɔ ahiafoɔ gyinabea aƐhɔ na wo bɛhunu sɛ namfoɔ wɔ boɔ…nyansa yɛ sika…ahoɔfe wɔ ne boɔ…mpo aniwa wɔ ɔtan kasaOnua nya asɛm hwɛ oo! D.Aniwa bi bɛtumi de adapaa […]
NNAMFO BƆNE
Adamfoɔ yɛ yɔnkuɔ a ɔte wo dam aseƐnnyɛ nea ɔne wo bɛgro mmɛdamase…na w’atwa ne ho de wo ho nsɛm akɔ kyini…atɔn te sɛ atosodeɛ B.Adamfoɔ te sɛ sumyɛƆsum wo wɔ wo nhwiaseɛ muSan bam wo wɔ w’anigyeɛ muEnti ntɔkwa biara nni hɔ a…ɛsɛ sɛ etumi bue n’ano kwanƐma w’asumasɛm pue dani samantwentwen…bɛ su wo […]
ADWENE A ƐNDWENE
Sɛ wonua nsɛmfoo nkrumah de gu wo nkyi aYɛnfa aniɛden apiripra agorɔ nhwiri…nkɔ si muNfa gyimi gyidie ndwene sɛWo bɛ si hɔ giridi…na w’asan anante te sɛ ahenemaAba w’animNti, ɔdabɔ, nya adwene a ɛdwene! B.Sɛbi, ɛyɛ ɔba kwasea na ehuru firi…ne nɛ ban a ɔde nkontompo asie so…kosi n’atanfo a wɔn enim n’ahyasiɛ apampamuƐsan dwene […]
ABAHYƐ PRƆYƐ
Abayɛn te sɛ kɛntɛn a yɛde kɔ nsuoSa deɛ wo bɛ sa nsuo noNso ɛbɛ fɔre atɛkyɛ ɛwɔ amansan akwansoNa nso nsukɔm eeku wo fie foɔEnti tete wo ba yie…na onsiesie wo fie B.Ɛyɛ diɛn nti na awofo adane boa-pia-bɔneAmanyɔfoɔ adane boa-foa-ɛne-duduɔsoAmanaman ani adane yɛɛ-boa-tumidefoɔAma nkwadaa bɔne adane akyerɛkyerɛfoɔ adesua yi? D.Ɛnɛ yi…abaa ntia ba […]
ABAYI KYEREFOƆ
Sɛ obi da a…ontumi nkyerɛ obia ɔndaObi nforo afasuo nkɔhunu n’apampamu a…ɔbɛyɛdɛn akyerɛ anim anim ɛkɔduru hɔ?Asɛm sɛbɛ! AbAbayifoɔ ne wɔn a wɔdi nkɔntrɔ!Abayiwa ne wɔn a wɔ sua nkɔntrɔ te sɛ ntɔrewa…de kɔ afieafie mu kɔtɔn…de gye nsɛmkadinAbayibonsam ne wɔn a wɔgyina abayikwaadu a eni ngyinasoɔ so…pra pra…sɛi…kum bimdifoɔ a wɔde adwumaden ɛbɔ wn […]
Ntorɔ ne ndaadaa nyɛ ntɔriwa ne mako …na yɛde ato amamuo so anua apotɔ de ayɛ ɔman nkwan Ahunahuna nyɛ akofena …a yɛde adodɔ mpanyindie kwan ama wɔn a wɔhia so nantiɛ Saa nso na ntrɛne nyɛ atwedeɛ …na yɛde afro akosi amanmuo adaeso mu Enti yɛnfa adwene mpiri ɔman yi mu som b. Sɛ […]
EKURO A ENWU
Ekuro a enwu tesɛ aboa ohuruyɛƐma wo ɔyiaw wɔ ne nkekamuNa ama wo anidaso wɔ ne nhuhuyɛ muNso nhuhuo ne nkeka no bɛdi asesa saa kosi honam mprɔyɛ muSɛ honam no ansɔre anfa anibere ankum aboa no aEtwa no nnya ahotɔ daSaa na yareɛ koankrɔ yi akɔyɛ BYɛde ɔbrɛ akata anibrɛ soAma mmrɛ ɛɛyɛ yɛn […]
Abodin ne nsamrane Ammodin ne amaniɛ Mmataho ne amanie Ɛyinom n’adani amanyɔsɛm b Nso nka amanyɔ akandifoɔ te sɛ kukuo a esi gyaso Ɛgye adwene adwene ahoɔden …nua de ben ɔman Nso ɛnɛ yi …adane anokwa …bɔhyɛ hunu …ntrɛne …kɛtɛasehyɛ efra prɔyɛ ntama kɛseɛ d Nea ankasa yɛse ne hoo …ɛɛgye nsɛmbɔ Nea anka yɛfrɛ […]
AWO YAA ENO
Awo Yaa Eno Tu kɛseɛ a okyinkyim mmarima adwen …ma wɔ bɔ nsansa To pia fa adjan kum wɔn awareɛ …bɔ wɔn ti nsa Ma wɔn tɔ wo dɔ nwura mu kɔ hwehwɛ wo yera tokro …wɔ anifra mu Wo nsamrane soso Nti w’ahwim m’awareɛ a …nsan nfa yeyɛ akuturuku nka ho Efirisɛ daakye nnyɛ […]
NNIPA MU AHOROW
Yɛ wɔ nnipa mu ahorow Nnipa bi yɛ nkraman Wɔn pɔ wo wo wo wo …nso wɔn nka Ebi nso yɛ nkraman a wɔpɔ ka Woaa dwene wɔn a wɔ pɔ ka wɔ bɔne kwan so Wɔn ano borɔ bɛtumi akum asono bebree …n’ankampɛsɛ ɔdasani b Nnipa bi yɛ mponkye pumɛɛ Nkɔ hɔ o, ɔse […]