Sɛ nsa kɔ ano na ano boa tɛkrɛma kɔ yɛm a Na ɛyɛ akuafoɔ nsa ano nnwumaEnti sɛ wo kɔ nhyira kɔ wɔn nhyira B.Sɛ ewiase kɔ nkan na tɛkrɛma da abɔdweɛ mu a Na akoma bɔ kim kim ma nan tutu taataa aNa ɛyɛ akuafoɔ ne afarefoɔ nsa ano nnwumaEnti wo kɔ nhyira a, […]
Tag: #GhanaianLanguagePoems
Nnomaa mu gu ahorow…nso wɔn nyinaa wɔ ntabanAkɔnfɛm ho yɛ hare sene akokɔNanso abronomaa kitiwaa yi tu faafaa kɔ wiemu sene akɔnfɛmAkɔkɔhwideɛ ho yɛ hene sene abrɔnomaaNso ɔkɔreɛ ho yɛ hu sene nnomaa nyinaa B.Nti mɛnfa wo ho ntoto obi hoWo su ne wo ban na ɛkyerɛ w’abrabɔ mu anigyeDwene, sua na hunu sɛnea wo […]
WO GYAMFITE
Me mpɛ wo gya sɔMpo na m’akɔpɛ wo gyamfiteEnti abasa a kasa ahyɛ mu ma…fa w’adɔɛ kɔ w’anim fa kɔboa wɔn a wɔn bɛtumi asua w’aniwuo gya B.Me hunu sɛnea wo hyɛɛ Ababio aniwuoFirisɛ wo ma no baabi de no ti too yɛ …ɛbrɛ a ahokyerɛ kyekyeree no te sɛ kokomuniM’aniwa hunuu sɛnea wo supaa […]
Ghananiba te sɛ atuduroOnsuro awia ɛne n’ahuhuroNanso ɛpɛ koraa ntumi nnyɛ n’adamfoEnti hunu sɛ ɛbɔ-fɔsuo a ɛnane yɛ nsuboɔ te sɛ n’atamfo B.N’aduane deɛ, ɛyɛ ofie ne fieN’abusuafoɔ ne no te sɛ nfɔtiɛ ne sieƆdɔ n’afahyɛ, dɔ n’asaDɔ ne ntaadeɛ, dɔ ne kasa D.N’aduanedie tumi kyerɛ n’adwenN’ataadehyɛ bu bɛ san tumi kasa kyerɛ n’adwenN’asa yɛ […]
YƐ SE YƐ SE
Yɛ se yɛ se tumi dua ɔtan wɔ ɔdɔ asaase soMa no fifiri nyini dane dua damfoɔ…a n’aduaba tumi te te sɛi asaase no B.Enti tie kɔ ka nyɛ adwuma menuaAdanse krumuu mu gyae ma me nka nyɛ nsɛmbɔ menua“Me tii sɛ” nsɛmkwaa nnyɛ asresɛm menuaEfirisɛ etumi bɔ ɔman …sɛi fieEtumi gu awareɛ …tete nnipa […]
BRONYA NKOKƆ
Bronya a ɛreba yiBebree no aaa na ɛbɛdane amanfoɔ ayaase nkokɔAhwiaso tim! Dua so pim! Ɛhyɛn mu yim! Mangoase sim! Obi mantwea kim! Tokro bi mu bim! Dantuo bi mu fam! Wɔn a wɔn aniso bɛti wɔn na wɔn plɛti so nni mmɔfra su, …bɛ kɔ nnase asɔreNa wɔn a wɔn bɛ di nyinsɛn owene […]
MƐ SOM ƆBONSAM
Mɛ som Ɔbonsam na m’ayɛ homhom fi me mpenaMe ne adiamone honhom bɛgro atuprɛ na me ne abayifoɔ abɔ tsatsaMe ne akronfoɔ bɛto pono na me ne atuutuufoɔ atwi mmomomeMɛ ne atwitwatirefoɔ bɛyɛ namfoɔ…na m’akyiran akronkronfoɔ B.Efirisɛ;Firi mere santeni nni a atenneneefoɔ de ɔko foro adebɔneyɛfoɔNsesaɛ biara ntutu mfiri yɛn man yi mu Efirisɛ;Mere bebree […]
GROMEATOATƆSOM
Kofi Amponsah adani gromeatoatɔsomW’abɛtena me so te sɛ bosomBaabi a ne nsa kɔ yɛ firi me sen mu kosi n’anoNe nsa nka fie adwumaNe nan nkɔ nkɔpɛ adwumaƆno nso a, anwanwadeɛ biara nni hɔ a otumiyɛ wɔ mpa muNea onnim a ne sɛ ɔrebɔ me asɛnnua mu B.Kofi Amponsah hunu me na me yɛ ɔbaa […]
Nufuo te sɛ Ɔbɔɔ Adeɛ nsuo kukuoƐwɔ nsuo a Nyame ankasa atu ne bo asɔneNufuo te sɛ Onyankopɔn aduane kukuoƐwɔ nuane pa a Ahunu Abɔbirim ankasa atena ase ayɔƐno nti na ɛboa mmofra nyini fromfrom bɛ yɛ mpayinƐno nti na ɛboa mmerima adwene si pi de sane wɔn hoƐno nti na esiesie mmaa ma wɔn […]
SUA NA HUNU
Sɛ nsuo nim sɛ ɔbɛtɔ aduru asaase so a …anka w’ammuna ankata ne so wɔ fɔmSɛ ɛwia nim ɔsrane so mfasoɔ a …anka n’atɔyɛ ɛnnum ewiase hyirɛnEpue ne atɔyɛ ho mfasoɔ gyina aniwa soNyansapɔ yi hia nsaneɛ pa…wɔ abrabɔ mu B.Enti nya akoma pa …na fa nsusuyɛ paEnti bu nnipa biara…na dɔ firi w’akoma mu […]
Nkontompo nkɔsoɔ yɛ nkontompo ntaesoɔEno nti ɛti sɛ ɛdan a n’ase guo ngyina pintinSɛ nkontompo ho da hɔ kakraabi aNeɛ ehiaa ne nokware asɔsɔ Ɛnfa ne tintin ho…ɛbɛ dwiri aguDe animguaseɛ aba B.Enti adɛn nti na wo nkura nokware?Nokware ase yɛ duruNe fapim gyina pintinnNe dan si pi si taNa enni animguaseɛƐhyɛ annuonyamNokware tumi ma […]
NKONTONKYINI
Y’ɛde nsɛmpa atena fie ama nsɛmbɔne abɛ yiyi wɔnTe sɛ nkranteɛ, ama y’aboa awe wɔnAfei nsɛmbɔne na ɛreyiyi yɛn yi o B. Y’ɛde ntamapa atena fie ama ntamago abɛ tɔ yɛnAfei yɛn ahenewa na wɔn hyehyɛ ntamago ma yɛn ɛrebisa sɛ adɛnƐwɔ ahenefie a adane nkoafie yi o D.Y’ɛde suban pa atena fie ama suban […]
EWIASE NHWEHWƐANIM
Yɛresu amankuku a Yɛgyina aman ntɛmEfirisɛ nea ani ahunu na ano pɛnsɛTe sɛ aburo de twerɛ nsɛmNea ewiase nhwehwɛanim de yɛn aduru ni o o B.Sɛ yɛre ma akyɛdeɛ a Yɛgyina ani ne ano ntɛmEfirisɛ nfoni nni hɔ a, nsɛm tumi dani adɛmkyɛmKyekyere nsoroma to twene nkontompo abusia ntɛmNea nhwehwɛanim de yɛn aduru ni o […]
SASABRONSAM NE AKROFIMAN
Ɛmmerɛ bi a atwamu Na Agya Sasabronsam kuro ne Akrofikuro bɔ hoObiara a ɔwɔ Akrofikurom tuu wɔn abusuafoɔ fo …sɛ wɔn nhwɛ wɔn ho yie wɔ Sasabronsam hoEnti na wɔn da to wɔn pono mu danwii …ansa owia akɔtɔWɔn ne wɔn mfɛfoɔ na ɛkɔ afuomuKɔ nsuomuMpo kɔ gya wɔn nanNso na mentimehoase na ɛyɛ wɔn […]
NYA AKUKUDURO
Sɛ me yɛ wo mpa a …bɛ yi me nnasoɔSɛ me yɛ wo gya a …fa nsuo bɛ dum me Sɛ me yɛ w’ataadeɛ a…bɛhyɛ me kosi me gu muSɛ me yɛ wo nsuo a …sɛbi, bɛdane me wo gyonsɔSɛ, sɛbi, wo gya wo nan nkoaa deɛ…wotumi we me nkaseɛ, sɛ me yɛ wo nam […]
MeM’atɔn ɛkɔm de agye nnɔbaeM’adaadaa akɔm de adɔ wɔ AdaeM’ahwe nsukɔm asom de aso nananom nnaeSɛ wo de wo fɔm ma me a, medua bayie atwa ahenman B.Me,M’afro afrɔtɔ akɔbɔ nkɔtɔM’asɔ asɔsɔ de apam apɔsɔM’afam ɛban abubu no afrɛ hannSɛ wo de wo tan ma me a, medua ama n’aso ɔdɔ D. Me, M’asom owuo […]
ƆbaaMmarimma bi te sɛ abrɔ afidieEnti mfa suban bi sɛ agrɔ na yɛ ahwɛyieMfa mmɔfra adwene ntena aware bɔne ho mpiri asiesieEfirisɛ wo wu a…yɛ bɛtumi asu asuo po nso ɛfɔm na ɛde wo bɛkɔ akɔwie B.Ɔbaa eiSɛ ɔma ne nsa so ɛnɛ na anka wo aƆkyene deɛ bɛtumi asam w’adwene ama wo adane n’akoaƆbaa […]
AMANIƐ A ETRU MMA
Amaniɛ a etru baƐne amanyɔfoɔ akatua a ɛforo ban…si adan de bɔ wɔn ho banƐne adwumayɛfoɔ akatua a erewiawia nso entumi nnuru aduane pono soN’asombɔ ne animdefoɔ a wɔn pɛ sɛ wɔn pia…adwumayɛfoɔ kakrawa no kɔhyɛ ohia yɛfunu mu Amaniɛ a etru baƐne amanyɔfoɔ a wɔn awidare wɔ kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ mu…san tru takashi de […]
Ewiase te sɛ nteaseɛ nkyiayɛEmu tena yɛ yaEnti na etire hia adwene…honam hia ahwɛyie banbɔƐna akoma hia ntoboaseɛ boɔ…de adi nyinkyɛ B.Ewiase yɛ hu o Ɛyɛ hu te sɛ sasrabonsam a onni ahumɔbrɔ se…nankapɛsɛ w’akonya akrɔkrɔ mmɔwerɛEnti na pɛtɛ nam yɛ amanfoɔ tan san nso yɛ Sikaman nyinaa akyiwadeɛ…nanso prako nam yɛ ebinom dɛ noNa […]
Me nnwin te sɛ sirkye ahoma anaa atentenhuo…a emu yɛ duruKakraa bi yɛ bebree…nso aman foforɔfoɔ nhunuNeɛ me twi mu a ɛbɛgu m’akyi noTe sɛ nea ɛɛyɛ ayɛ obi tikwaƐyɛfɛ yɛ duru…ɛyɛ aduro yɛ banbɔ B.Ahuhuro nyɛ adeɛ a ɛnene bɔNso awɔ mu no…ɛyɛ etire ataadeɛMe bɔ a…ɛtisɛ nea m’ama no mframa kwanMe gyae gu […]
Amanyɔfoɔ nnyɛ anyame…na y’asom wɔnWɔn yɛ asomfo a kokrommoti ayiyi wɔn sɛ wɔn nsom ɔman no …wo ne me kokromotiEnti ɛnnane akoa mfa asrɛ mpia wɔn ahommasoɔ…ɛmma ɛnnane ɛbɔbrantan …ensi w’atennie kwan IIAmanyɔfoɔ nnyɛ adefo kronkronƐkwanyieNsubɔNkanea ntwatomuAsukuu sieNnyarewa nsosɔano…ne nea ɛkekaho nyinaaYɛ wo ne me nkakrawa a wɔn asam firi yɛn mfifire mu Wɔn bɔ […]
ANIBRƐ ANWENSƐM
Otɔtorɔbonsu eeei! Krɔno mframa a etruba ɛrɛbɔAma kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ adane wɔn kyekyere ntamaƐrebubu yɛn banbɔ nnua…ɛde rebɔ nkyirimma duaKununom adi abrɛ …ama wɔn afrɛ yerenom erebɛ bubu yɛn aprɛKrubinsin amanmuo! Ɛkabinsin adwosuo! Ɛborɔ dunsin ano nsuo…adane agyanombinsin ntasuo! Ama wo man Ghana adane Amabinsin a ɔreti nisuoAni anhunu sɛ ɛka adane ɔkyɛm ɛrekyekyere yɛn […]
OkokosookoWo fie anwia ase boɔ na suro…enyɛ nwuramuboɔ B.OkokosiakaWo ntama mu ka na ɛdane ahoma kyekyere woƐnyɛ nea etim obi honam so D.OkokokrokoWo fie akokonini na hwɛƐnyɛ nea ɔɔbon wɔ obi bɔn mu E.OkokoberantanOdwan a ɔdane gyata ho ɛyɛ hu sene ahaban ase ɔkyereben Ɛ.OkokosankareEfie gya dum na ɛsoro gya dum a …ɛnkyerɛ sɛ adwene […]
Ebi resu te sɛ anantwie…pɛ sɛ wɔn yɛ kɔkɔɔ te sɛ esieEbi resu te sɛ ampane…pɛ sɛ wɔn yɛ tuntum abraneEbi de ɔyiaw te wiase te sɛ nea wɔn apira…efirisɛ wɔn ne tintin abɔ abiraEbi de ehu na ɛhwɛ ɛfɔmEfirisɛ tintin ɛne wɔn eedi akɔmNana Nyame nkutukwii sene n’abɔdeɛ nyinaa! B.Ebi anya sika ɛrepiri nkwa…suro […]
KA NI A KA BA
Mframa wuo a ɛɛbɔ wɔ wiaseAma ano ahyehyɛ ntaade…de hwan ni -hwan ni aba wiaseAma wiamua wuo adane brisi ahyɛ yɛn ataadeEnti yɛ ahwɛyie B.Yareɛ yi ka ni ka baYareɛ yi ka si ka wɔfaYareɛ yi kum asɔfoɔ …kum nnipa-abɔfoɔYareɛ yi nnim mpayindie…nsuro asomfieYareɛ kyere wɔ Abosomfie…kyekyere asomfo wɔ KramofieYareɛ nni ahumɔbrɔ mma awisia…nankampɛsɛ ahunu […]
OWUO AANFƐRƐ – Ama Antwiwaa Nkae Anwensem
Na anka wo yɛ nsoroma a wo da yɛn wiemuNa wo sereɛ hyirɛn sɛ anɔpa wiaNa anka wo yɛ ɔsrane a wo bɔ yɛn sum guNa wo kanea te sɛ akyerɛkyerɛkwanNa anka wɔ yɛ mframa dɛ…yɛ mpata deWo ho akɔnɔ kyiran abufuwNti ɛbaanesɛn na owuo aanfɛre…ate wo tɛ agya yɛn nisuo yi? B.Owuo di ni…di […]
ME TI ME HO ASE A MENPƐ
Ɛmmrɛ bi a atwa mu Na Mentimehoasefoɔ ɛne Metimehoasefoɔ ti koro korɔ mu Na akasa akasa wɔ wɔn ntɛm deɛNso Metimehoasefoɔ gyina pintinn…de kasa dɛ tɔɔ asomdwoe ma asetena yɛɛ dwoodwooKosi sɛ nsutɔbrɛ de ɔhaw kɛseɛ bi bɛtoo wɔn soMetimehoase panyin de adwenpa baa sɛWɔn ntase nuabenane a mframa de abufuwhyew atutu afiri asaase so […]
ABIBIRE MU APOPOBIBIRE
Abibiman nyinaa adane onnibie Ama ohia apopobibire asi yɛn wɔ mantwia so …te sɛ nea mfɔtiɛ si wɔn sie Ama mmoadomma nyinaa bu yɛn atantandeɛ …san ewurawura yɛn mu…ɛwia yɛn pasaaAbibire mu apopobibire! B.Mpo nsuwa nsuwa nyinaa da ayiya a efi ɛretwetwa wɔn meneA wɔn dawuro a ɛɛpae daakye nsukɔm …ɛntɔ aso biara muƐnɛ yi, […]
WIAMUA OWUO
Owuo de ɛkɔm eedi akɔm…ɛwɔ ateasefoɔ mpɔ muOwuo de nkwa adane ɛkwan…ɛwɔ nnipa aman muOwuo de nsukɔm eepia nisuo…ɛwɔ nkwa ajosuo yi soNso nnipa a wonni tumi…wo fa he kɔ ko? B.Owuo bɔ hu oooƐɛkyere w’adɔfoɔ no na ɛɛbɔ wo nkae!Owuo hoɔ hu oooƐmene w’atamfoɔ no na ɛde ahi ɛɛbɔ wo nkae!Owuo hoɔ hene oooƐfa […]
AGYA TUA DUA
Agya tua dua nso ontumi nnua ntiAmanfoɔ si no huu de aniwuo kyekyere n’abatiEbi frɛ no ɔbaa basia Ebi frɛ no ɔba kwasiaEbi frɛ no akokɔ mɛsaEbi frɛ no…ahuhuro mu awɔNso agya tua dua a Nyame ankasa adua B. Sɛ nka nnipa yɛ Nyame a Anka me tiboa betumi aboa wɔn huro yi Sɛ anka […]
Ɛna yɛ naƐna te sɛ abɛ duaWɔn ma yɛn bɛdɛ a yɛ de bɛsua yɛn bra wɔ nkɔsoɔ bra muWɔn ma mmɔfra ɔdɔ mmɛ a emu nsuo tenetene yɛn tɛkrɛmaWɔn ma wɔn mma nhwɛsoɔ adwennwu ne nnwuMa wɔn de adesua de kye de bɔ wɔn braWɔn ma wɔn mma prayɛ ma wɔn de prapra wɔn […]
MO NNUNU MO HO NA MONSERE
Mo nnunu mo ho na mo nsere…mmu m’oani ngu nnepa bebree a mo rehwere…soNa sɛ daakye adekye…na nkyirimma fa anibere kɛntɛn kɔ po a afikyereNa wɔn de anibue hunu sɛ mo nnyuma na ɛde wɔn nampa kyekyɛ asrokye…mmaa ne srikye ahoma pansam wɔn aƐhɔ na mo sunsum bɛti nnuho kɔmNa mo akra bɛti kɔankra sutrɔ […]
NNUANE A ƐYƐDƐ
Akwantuo tumi bɔ yɛfunu asesaMa tɛkrɛma brɛ kɔm ne kasaNso, Ghana nnuane bɔ nkae ma tɛkrɛma saEfirisɛ mmae bue nuane pa ponoBue honam a akɔ ɛkɔm akono pono B.Wo bɛnya bankye a ɛyɛ merɛ…ɛne nkontomire mpotɔgum hwiegumA amako papabi…gyeene a ɛyɛ hwam…nkyene kakra a efiri yɛn mpoano…koobi a awia akye n’agyina…ɛne zomi a emu hwam […]
BƆNE A ESUMA
Ama adamfo Nkrumah aanya tima …anfa anwurɔ no tɔmaDe aboa su bi wɔɔ no puupuu sɛ wɔmaEwieyɛ de homhomfi akomaBoro no titii no ntamaA na ɔrehwehwɛ no nnipadua akɔtu bama…so, nso bɔne wɔ hɔ yi, ensuma B.“Ebia na ɛyɛ homhom fi na ɛboro no Ebia na ɛyɛ akɔm na ɛsuaa no Ebia na ɛyɛ Ɔbonsam […]
ABƆFRA PAPA
Abɔfra suban te sɛ ɛbɔ bebree a afrafra Enti abɔfra pa ne nea ɔfom ka kafraNea onnim ne mfɛfoɔ ne nkwakoraNea obu n’atipɛnfoɔ ne mmerewaNea ɔsom ne mpanyinfoɔ ɛbere biara B.Abɔfra pa ne nea ohunu asɛm a ɛnfa ne ho…na ɔka n’ano to muNea ɔnfa adwene bɔne nni adanse krumuuNea ɔnpiri nsuma nkɔtie mpanyin nkɔmɔNea […]
NSEKUFOƆ EIII!
“Eiiii dabɛn na wo bɛ yɛ ayifrɔ” Ɔhwɛɛ m’anim a pɛ na ɔkaasɛ ɔredi agorɔSɛ mo aso mo afofroafofrɔ…na monim sɛ, m’abrabɔ nnyɛ mo agorɔ…yi deɛ, mma mo mpatri mmɛtɔ m’afrɔ…mu, mmɛgye adapaa asutrɔ B.Yɛde agorɔ agorɔ saa …na yɛretɔn wo wɔ nsekuo man soYɛde” yɛnaware yɛnaware” saa…na yɛɛ pia wo kɔhyɛ nnipa bɔne bi […]
Ei!Nnipa bi nnyɛ nnipa ooNa wo de wo werɛ ne w’anidasoɔ…akɔhyɛ wɔn mu te sɛ ɛdan a owuo suro n’awɛnfoɔ Ahunubipɛn biara nan a ɛtɔso miensa ne ahwɛyie!Enti mfa ntɔgusuɔ nnyɛ yeyaw…mfa ɔbabunu akoma npire nkɔtɔ akumatiɛ mu B.Ei!Ɔdɔ adwosuo nnyɛ ɛdɛ nkoaa ooNa wo de w’afofroafofrɔ …kɛntɛn akɔ pire ne nsuo wenfoɔAhunubipɛn biara nan […]
TIRIMUFƆBUO
Sɛ yɛɛpai sɛ oyiwan ayera aNa kɔkɔsakyi adaEfirisɛ nhwi sumsum tɔ no so wɔ nwunu mu koraaOwia de srehehe beyi n’etikwa akyerɛEnti kwan a wookwan te sɛ akokɔ a ɔɔto yi…ɛɛpagya aniwa aniwa aƐbɛdane asɛm aserewa krokyiade afrɛ akyirikyirifoɔ abɛtɔ w’asɛm…de akɔ amansan dwa so akɔ tɔn B.Sumasɛm na ɛpiri gye ngyegyehoTi a ebu ne […]
ƆDƆ MU TUUPAA TUUPAA
Nnipa mu nwowa bi tumi yɛ wɔn ho afranfrantɔBɛ srɛ w’akoma pono mu bueNa sɛ wɔn dua wɔn ho wɔ wo mu na wo dɔ nsuo tɔ…gu wɔn so a, na wɔn wowa su no ayi wɔn ho apueEnti yɛ ɔdɔ mu ahwɛyie na w’ankɔ nea yɛnnkrɔ B.Sɛ wo yɛ asikyire a, ɛntena ntatia hoSɛ […]
ME NE ME NE MAN
Me aaa me nie! Ɔbaa a osi pi si ta Me honam nahanahanahanaha te sɛ brɔde a asunsɔnAkrɔnfoɔ ama adundɔn…akyekyere me ntiniNso me yɛ ɔsrane, yɛ awia A ɔkrɔmfoɔ biara ntumi nwia B.Me aa me nie!Nhwinie yɛ me krotiaAgudie yɛ me ntama Abɔdeɛ ne ne mmɔɛ da me da Mogya dieɛ, …me wɔ nea ahoɔden […]
GYIDIE AFIDIE
Anwanwa anwaNsuo agyenkwaAbenfo gyaAdwareɛ wɔ asuogyaAnwia adwareɛAbonsam yareɛWei nom na wɔn de adane asomtɔdeɛ eresum amanfoɔ afidie…ɛɛprɔ wɔn gyidie B.Sɛ ɛyɛɛ yɛ a Nyamesom…adani nkoasomNa asɔfoɔ de nyaatwom nkatasoɔ…abɔ abɔsoɔƐde homhom fi ataadeɛ ahyɛ Homhom Kronkron…ahyɛ no mmusuo mpaboa ɔpipi nkronA adwaman…nkɔkɔnsa…asabrɔ…awudisɛm…amanmmɔsɛmNe nea ɛkeka ho…ɛde ɛɛkyiran homhom pa te me nsromu DEnti yɛbɛyɛ dɛn na […]
ME DƆFO PAPA BI
Ɔdɔ asaawaAgorɔ apaawa Me nsɔkɔ duawa M’anigye ahoma B.Me nsuo dɛɛdɛ M’ahofadeɛ fɛɛfɛ M’aduane a ɛɛdɛ M’ahoyera bɛdɛ D.Sɛ ɔdɔ mpaboa de ne dede krokyia …ɛɛma adɔfoɔ akyeNa me kae m’ankonam akwantuo …ne ne so tabuo a…ne wo su ne ban …wo buo a wowɔ ma me a Na anigyeɛ ahyɛ m’afonu mu ma E.Efirisɛ, […]
KWAA ABRƆ A ƆTE BƐGORƆ
Kwaa Abrɔ a ɔte Bɛgorɔ a ɔde abrɔ kɔ agrɔ …ma ne dani afrɔ memene ne mma no Na ɔda owuo apaso…ɛfrɛ wiamuah owuo sɛ ɔmmɛ yi no sɛ mmusuo…nfa no ntwa owuo afasuo no o Wei kyerɛsɛ owuo nnyɛ agrɔ a ɔdasani de i n’ani so B.Osii so ware yɛ Kwaa Abrɔ ka sii […]
ƆBRA NE MMRA
Ɔbra wɔ ne mmra ne ne mmerɛEnti nfa ahoyiaw amirika nkɔtɔ kisikroƆbra wɔ ne yiaw ne ne brɛEnti ɛnfa aniberɛ ne ahopipirɛ nnyɛ n’aduroEfirisɛ…ɛbɛ nyini apɔ wo sɛɛ wowowo…te sɛ abɔdam kraman a onni manEfirisɛ ɛbɛpɔwo akawo yayaaya te sɛ sakakraman a onni banEfirisɛ ɛbɛ kawo awe wo nyafunyafu te sɛ gyatabereɛ a w’atu ahunuSɛ […]
HWƐ W’ABRABƆ SO FA YƆNKOƆ
Nwansena ne nsɛmbɔ ntwi mpenaSaa nso na nnwa nni akyekyedeɛ akyi nkɔka nan ntɔkwaAkokɔba a ɔbɛti atɔ akrɔma dɔ mu no nni daakyeSaa nso na gɔgɔmi ne akokɔbaatan nni maakyeEnti hwɛ w’abrabɔ so fa yɔnkoɔ B.Sɛ wo hunu w’ayɔnkogorɔ a Nyinikyɛ sum w’abrabɔ Sɛ wohunu w’atanfo a Wo haw fa no ara ano asi Efirisɛ […]
Atuobi a ɔbɔ kroW’afro akokɔ abrɛ ne kwanKɔ gye ahumie a…wo se m’akɔfro akɔmfɛmNa wo betumi agyina ne kwan ano?Asɛm sɛbɛ! B.Atuobi a ɔpiti ɔhawW’apam ɔkraman sɛ ne ho kankanAni anbɔ tɛtɛ…wo se me ne atui na ɛgro broAsɛm sɛbɛ! D.Atuobi a ɔbra mmraW’abra oguan mmɛɛAso annte dinn…wo se me dɔ apɔnkye pumɛɛAsɛm sɛbɛ! E.Atuobi […]
ƆHENE NE AKORA
Ɔkrɔmfoɔ bɛtumi ahyɛ esum ataadeɛ…abɔ adwuma te sɛ mfidi-braneNanso, sɛ ewiemu nsakrayɛ yɛ Ɔbɔɔadeɛ nsa ano adwuma yi nkoaa deɛDakoro awia bɛtu sum ama ani ahunu nsa a…ɛde adesayɛ adane ataadeɛ…ewia amansan noEnti hwɛ na sua prɔyɛ mu nkyerkyerɛ BKrɔno bɛtumi ama tumi…nso tumi no bɛtumi adane Fomena nsɛmnsɛm…ama wo nsa akɔhyɛ w’atanfo anum…wɔ ɛbre […]
Sɛ afe yi w’atumi agye Afehyia PaNa wo gu so ti nkwa mu a Ɛneɛ fa aseda gyampantrudu a ɛtisɛ Afa Djato…ma Ɔbrempong Nyame a ɔhume nkwa gu wo mu daa daa Efirisɛ w’atwa kwan a ɛbro owuo anamɔnso B.Afe yiDane wo suban ani …na fa papayɛ bɔ wo braSɛ wo yɛ sum ne prɔyɛ […]
LE AKƆDAƔI SIA
ALe akɔdaɣi siaDukɔmevi lɔlɔtɔwo,Migatrɔ mìa ɖokuiwo zu agbeli dzekpolowo…le dukɔa tutu ɖo fe fufutoto me…be sedzikpɔlawo fe asibidɛwo…nava ɖe mi aƒu gbe ɖe gakpɔ me…be miaƒe agbedome nava gblẽ oKpɔ ɖa! Ne ete ŋu si le wo nu alekekeake hã la,…dunyahehawo afli wò kpokpokpoBe gbadagba ŋutasẽlawo nava vuvu wò…atrɔ dukɔ sia azu ŋunyɔnu BLe akɔdaɣi […]
PIIBU-PIIBU SAHA ŋɔ PUUNI
APiibu-piibu saha ŋɔBulichini nimaMiri ya ka yi leei-gi banchi galma…Ti tingbaŋ ŋɔ tooni tali sakoro ŋɔ tɔbu puuni…Di lɛbi ya ninvuɣ shɛbi…Bi ni ti yɛn zaŋ niŋ sarika puuni…Ka di niŋ ya chutaA yaa yi be ka wula …Politiisa ni tooi chɛrisa ka saɣ bɔrili …N’zaŋ mali salinsa Ȝɛhi sara BPiibu-piibu saha ŋɔYi nim lahabali sabiribaDi […]