Okokosooko
Wo fie anwia ase boɔ na suro
…enyɛ nwuramuboɔ
B.
Okokosiaka
Wo ntama mu ka na ɛdane ahoma kyekyere wo
Ɛnyɛ nea etim obi honam so
D.
Okokokroko
Wo fie akokonini na hwɛ
Ɛnyɛ nea ɔɔbon wɔ obi bɔn mu
E.
Okokoberantan
Odwan a ɔdane gyata ho ɛyɛ hu sene ahaban ase ɔkyereben
Ɛ.
Okokosankare
Efie gya dum na ɛsoro gya dum a
…ɛnkyerɛ sɛ adwene gya adum
Ma nsa aniwa ma ɔfa ntoto w’apono mu
F.
Okokoamprɔei
Ɛnɛ a kwa kwa kwa
Ɔkyena a krokokoko
Adekyeɛ a kokrookooo
Daakye kokomu fi na ɛbɛ som wo sumyɛ
G.
Okokogyampantrudu
Ɛtuoɔ mu kuɔ tumi sam w’adwene a
…ɛneɛ emu ɔsono bɛtitia wo ayɛ wo dosooo
H.
Okokoatropie
Wo de wo dwetire bɔ antrohwiɛ akonhoma de pɛ ne kɛseyɔ a
…ɛka ne ohia na ɛdane akyɛm gu wo so
I.
Okokokrɔkrɔ
Wo de Yohanne krɔkrɔ to wo bɔtɔ mu a
…efie mmɔfra na ɛdane samantwɛntwɛn yi wo hu
K.
Okokokrakra
Anumdwa na ɛmma akranteɛ kaa afidie mu
…hunu n’adwedwa a ɛde no kɔwie kwansenmu
L.
Okokoabrokwa
Abrɔ ano borɔ dane kɔ ne wura so a
Ɛhuhuru kɔ sorosorosoro na abɛka no sɛɛ hu
…n’agya no kuro a ɛbɛkyerɛ no owuo anamon
M.
Okokosiko
Abirekyie ka a, na w’abɔ wo ti nko
Ɔtwea ka a, na w’abɔ wo ti nko
Ɔwɔ ka a, na wo di so te sɛ nea onni tire
Asɛm biara ba a, wo dane nyigusoɔ bama
Aniwuo biara kɔ owuo a ɛbɛkra wo
N
Okokobiobio
shwa antifo di mpɛkyɛ a
…obiara mpɛ mmua
O
Okokokulɛɛm
Tihosoɔ nnya amane
Enti fa ahwɛyiɛ krado to w’ano
Atisie pono to w’aso mu
Ahwɛhan ɛpɔ to wo tirim
Na di asɛm pa
Ewiase yɛ tena ma me ntena
Dɔ ma me nnɔ
Sere ma me nsere
Eyinom ne mmra a ɛhwɛ ɔbra pa so
Ɛnyɛ ahuhudeɛ
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 2, 2021
Categories
3 replies on “OKOKOSIKO”
I will get them translated ..or they have been written somewhere in english as well..??
LikeLiked by 1 person
No. It is in the Akan or Twi language
LikeLiked by 1 person
Ohhh.. okaaayy..
LikeLiked by 1 person