Categories
POETRY

ADWUMADEN

Ebi resu te sɛ anantwie
…pɛ sɛ wɔn yɛ kɔkɔɔ te sɛ esie
Ebi resu te sɛ ampane
…pɛ sɛ wɔn yɛ tuntum abrane
Ebi de ɔyiaw te wiase te sɛ nea wɔn apira
…efirisɛ wɔn ne tintin abɔ abira
Ebi de ehu na ɛhwɛ ɛfɔm
Efirisɛ tintin ɛne wɔn eedi akɔm
Nana Nyame nkutukwii sene n’abɔdeɛ nyinaa!

B.
Ebi anya sika ɛrepiri nkwa
…suro sɛ wɔn bɛwu agya wɔn agyapadeɛ kwa
Ebi ɛredi ohia ɛrepiri owuo
…de ohia ho aniberɛ ɛreti nisuo
Ebi pɛ ano akɛseɛ
…dwene sɛ ano nkitiwa yɛ musuo akɛseɛ
Ebi ɛrepiri ano nkitiwa
…de asɔ wɔn ahoɔfɛ so ayɛ adeɛ
Ebi repiri nufoɔ akɛseɛ
…ebi repiri nufoɔ nkitiwa
Ɔkatakyie wɔ hɔ yi, n’amanehunu so sene n’akyɛdeɛ nyinaa!

D.
Ebi resu atwerɛ ne akenkan
Ebi ɛrepiri atwerɛ ne akenkan
Ebi ɛrepiri mpanyindie
Mpanyin bi redi apenisie
Wɔn a wɔn anyini repiri mmɔfra tepɛn
Mmofra adane adwene amirikatufoɔ ɛrebɔ mpanyin abɛn
Papa yi a Ɔkata suro ne fɔm yi, w’abɔ nnipa anya akoma-atideɛ!


E.
Nnipa biara ɛrepiri biribi a ɛwɔ ne nua ho
…abu wɔn ani agu wɔn ahoɔfe so
Nisuo bɔne amemene nisuo papa
Ama anisɔ aforo abonfia apata
Ototorobonsu tɔ nsuo a, w’ahunu amane
…Ɔbɔ awia a, w’anya amane
Ahunuabobirim ɛhaw a ɛso no deɛ
…ɛsene ewiase ne ne nkatasoɔ nyinaa!
Amoafowaa Sefa Cecilia © June 25, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “ADWUMADEN”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s