Categories
POETRY

SUA NA HUNU

Sɛ nsuo nim sɛ ɔbɛtɔ aduru asaase so a
…anka w’ammuna ankata ne so wɔ fɔm
Sɛ ɛwia nim ɔsrane so mfasoɔ a
…anka n’atɔyɛ ɛnnum ewiase hyirɛn
Epue ne atɔyɛ ho mfasoɔ gyina aniwa so
Nyansapɔ yi hia nsaneɛ pa
…wɔ abrabɔ mu

B.
Enti nya akoma pa
…na fa nsusuyɛ pa
Enti bu nnipa biara
…na dɔ firi w’akoma mu
Enti bɔ abrabɔ fann
…na w’anya tirimu fann

D.
Efirisɛ abrabɔ nyɛ bɔ na
Na ɛmmrɛ nso yɛ nni nka so
Efirisɛ neɛ nnipa gu na otwa
Na suantie nso ne ɔnwam atikɔ pɔ
Abrabɔ nnyɛ bɔ na anka eti tumi yɛ nan
Ɔbra ne wo nyansa
…w’asuadeɛ
…ɛne wo nnwuma
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 1, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s