Nufuo te sɛ Ɔbɔɔ Adeɛ nsuo kukuo
Ɛwɔ nsuo a Nyame ankasa atu ne bo asɔne
Nufuo te sɛ Onyankopɔn aduane kukuo
Ɛwɔ nuane pa a Ahunu Abɔbirim ankasa atena ase ayɔ
Ɛno nti na ɛboa mmofra nyini fromfrom bɛ yɛ mpayin
Ɛno nti na ɛboa mmerima adwene si pi de sane wɔn ho
Ɛno nti na esiesie mmaa ma wɔn bɔbia yɛ akɔnɔ
Ɛno nti na etumi kyim akatakyie adwene ma wɔn fom hwi ase
Enti boa bɔ nufuo ho ban firi kukram ho
B.
Efirisɛ ɛyɛ mmɔfra aduane
Ɛyɛ mmɛrima agyapadeɛ
Efirisɛ ɛyɛ mmabaawa akadeɛ
Ɛsan nso ka ewiase afɛfɛdeɛ ho
Obiara wɔ ne kyɛfa wɔ nufuo mu
Ɛno nti na n’ano tene ne nsa hwɛ obiara
…sɛ wo gyina ɔbaa anim a
Mpo nea ati atɔ koraa wɔ n’ahintasɛm
Enti boa bɔ nufuo ho ban
Firi kukuram ne nyare bɔne ho
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 8, 2021
Categories