Mframa wuo a ɛɛbɔ wɔ wiase
Ama ano ahyehyɛ ntaade
…de hwan ni -hwan ni aba wiase
Ama wiamua wuo adane brisi ahyɛ yɛn ataade
Enti yɛ ahwɛyie
B.
Yareɛ yi ka ni ka ba
Yareɛ yi ka si ka wɔfa
Yareɛ yi kum asɔfoɔ
…kum nnipa-abɔfoɔ
Yareɛ yi nnim mpayindie
…nsuro asomfie
Yareɛ kyere wɔ Abosomfie
…kyekyere asomfo wɔ Kramofie
Yareɛ nni ahumɔbrɔ mma awisia
…nankampɛsɛ ahunu onibie mmɔbɔ
Enti yɛ ahwɛyie
D.
Kata w’ano
Hohoro wo nsa
Nfam amanfoɔ
Nkyea wɔn nsamu
Nkɔ akuodɔm ase
…nkɔ bɔ dɔmpem
Mpo na w’akɔ nom apem kuruwa ano
E.
Efirisɛ yareɛ yi te sɛ sikan nufanu
Etwa baabiara a ne mframa bɛ kɔ
Yareɛ yi te sɛ anomaa gyegyefoɔ
Ne su ɛɛyɛ dede wɔ amanaman nyinaa mu
Yareɛ yi yɛ wiase nyinaa Bonsam
…enti fa ahwɛyie nante
Efirisɛ efiri n’atiridii kosi ne ne tipae
Efiri ne ahomekyere kosi n’ahomtie
Ne sa yɛ sa na
Nti yɛ ahwɛyie
Ɛ.
Tutu amirika te sɛ ɔkwajuo kɔ ayaresabea
Sɛ wo ho dodo wo, na wo ho n’ahyɛnsodeɛ a
Efirisɛ ahununtɛm boa n’ayaresa
Yareɛ a ɛnenam mframa mu diɛ ɛyɛ hu o
Korona asɛm na mereka yi
Amoafowaa Sefa Cecilia © June 18, 2021
Categories
2 replies on “KA NI A KA BA”
Ensoro obiara
LikeLiked by 1 person
💚💙💙💙
LikeLike