Mmere bi a atwamu
Wɔ Amansie Abibiremu
Okuani bi kɔɔ osikani bi hɔ kɔpɛɛ mmoa
Osikani no hwɛɛ no dinn frɛ no nnipa mu aboa
San ka kyerɛ no sɛ w’ayɛ te sɛ nnipa mu kɔntoa
A ohia adane ahama akyekyere ne kɔn
Enti ontumi nfa ne sika a w’awidare ne mogya ani apɛ
Mma no efirisɛ onim sɛ ontumi ntua
II
Na ɔno nkoaa ne okuani a ɔwɔ krom hɔ
Saa na kukuram yareɛ abɔ no na ohia mmoa ahwɛ ne ho yareɛ
Efirisɛ na ɔgu ne nsa mu
Sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi atɔ ne nnɔbae no bi adi
Esane ne yareɛ no nti
Afe a ɛtuaso no, w’antumi anyɛ kua
Na ɛkɔm ti sii kro no mu
III
Ɛkɔm a ɛkɔɔ krom hɔ no twaa mmrewyɛ mfiawa
De hwee obiara a ɔwɔ krom hɔ
Na osikani no nso ka ho
Enti ɛmaa nnipa a ɛwɔ hɔ nyinaa bɔɔ dɔmpim kɔɔ okuani no fie
Kɔ hwɛɛ neɛ ɛreyɛ no
Na osikani no ka ho bi
IV.
Okuani no kaa n’akosɛm kyerɛ ne kromfoɔ
Wɔn nyinaa de kɔm ne ahummɔbrɔ suu su trɔ
Ma osikanii no de aniwuo kɔkyɛɛ n’agyapadeɛ mu mmienu
…mmaa no baako
Wɔ mmere a okuani no aammɔ n’atrimuɔden no so
Ɛhɔ na obiara hunu sɛɛ sika yɛ deɛ
Nanso aduane yɛ ne wura
Efirisɛ sika tumi tɔ aduane
Nso entumi ntɔ aduane a enni hɔ
Yafunu nso nnim sika na awe no de adi nna
Amoafowaa Sefa Cecilia © December 2, 2022
2 replies on “SIKANI NE OKUANI”
On point. Grateful, ma’am
LikeLike
💙
LikeLike