Anomaa bi su sɛ da bio bio
Enti ani na ɛbɛhwɛ na ano nka bio
Suban tantan a akantan w’akoma so ama wo di atwitaan tumi,
Aso brakyiɛ a ɛbutu afutuo biara efisɛ wo di tumi,
Ɛbɛtukwan akosi wo srɛ mrɛ so
Ɛhɔ na kokromoti bɛkyerɛ wo ne akɛsifo tumi
De ahwan wo to de ahwi animguaseɛ boɔ so
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 30, 2022
Categories
One reply on “KOKROMOTI TUMI”
Mmo! w’akasa yie.
LikeLiked by 1 person