Nnomaa mu gu ahorow
…nso wɔn nyinaa wɔ ntaban
Akɔnfɛm ho yɛ hare sene akokɔ
Nanso abronomaa kitiwaa yi tu faafaa kɔ wiemu sene akɔnfɛm
Akɔkɔhwideɛ ho yɛ hene sene abrɔnomaa
Nso ɔkɔreɛ ho yɛ hu sene nnomaa nyinaa
B.
Nti mɛnfa wo ho ntoto obi ho
Wo su ne wo ban na ɛkyerɛ w’abrabɔ mu anigye
Dwene, sua na hunu sɛnea wo tiɛ
…na fa bra papa tae adwomadene akyi
Wo bɛhunu sɛ w’anigye mfiri nea obi nya anigye firi
W’ahotɔ nyɛ nea obi nya ahotɔ wɔ
Efirisɛ wo su yɛ wo su
Da a temanmufoɔ bɛhunu wɔn mu nsonsoroyɛ
…ahunu sɛ wɔn bɛtumi de nkabomu atena wɔ wɔn nsonsroyɛ mu no
Saa da no na yɛbɛnya mpuntuo
…a ɛde yɛn bɛkɔ nkan
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 26, 2021
Categories