Categories
POETRY

EI!

Ei!
Nnipa bi nnyɛ nnipa oo
Na wo de wo werɛ ne w’anidasoɔ
…akɔhyɛ wɔn mu te sɛ ɛdan a owuo suro n’awɛnfoɔ
Ahunubipɛn biara nan a ɛtɔso miensa ne ahwɛyie!
Enti mfa ntɔgusuɔ nnyɛ yeyaw
…mfa ɔbabunu akoma npire nkɔtɔ akumatiɛ mu

B.
Ei!
Ɔdɔ adwosuo nnyɛ ɛdɛ nkoaa oo
Na wo de w’afofroafofrɔ
…kɛntɛn akɔ pire ne nsuo wenfoɔ
Ahunubipɛn biara nan a ɛtɔso miensa ne ahwɛyie!
Enti mfa ntɔgusuɔ nnyɛ yeyaw
…mfa ɔbabunu akoma npire nkɔtɔ akumatiɛ mu

D.
Ei!
Wookɔ mpɛnidiemu a bisa oo
Na anowaanowa asereaserɛ bebree yɛ akumatifoɔ
Aboafoɔ nsa bebree yɛ fɔmbɔfoɔ
Ahunubipɛn biara nan a ɛtɔso miensa ne ahwɛyie!
Enti mfa ntɔgusuɔ nnyɛ yeyaw
…mfa ɔbabunu akoma npire nkɔtɔ akumatiɛ mu

E.
Amnfoɔ bebree no ara nka wo nkɔsoɔ man ho
Nnamfofoɔ bebree yɛ anibere adamfoɔ
Mpapafoɔ bebree yɛ mpapa-nfiawa a wɔn atitie kuro nnwu merewso
Ahunubipɛn biara nan a ɛtɔso miensa ne ahwɛyie!
Enti mfa ntɔgusuɔ nnyɛ yeyaw
…mfa ɔbabunu akoma npire nkɔtɔ akumatiɛ mu

Ɛ.
Akwadaa aniwa hyirɛn sɛɛ hyirɛɛn
…nso emu kanea nhunu n’akyi
…mpo na akɔhunu akyirekyire
Enti mma akoma ahoɔden nfa mirika kukukuku
…mbutu w’abrabɔ wɔ suantie mmra so
Tie na tasitasi nyansasɛm mu aba
…ansa na w’atu anamɔn
Ahunubipɛn biara nan a ɛtɔso miensa ne ahwɛyie!
Enti mfa ntɔgusuɔ nnyɛ yeyaw
…hwɛ na w’amfa babunu akoma anpire ankɔtɔ akumatiɛ mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 26, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s