Categories
POETRY

EWIASE

Ewiase te sɛ nteaseɛ nkyiayɛ
Emu tena yɛ ya
Enti na etire hia adwene
…honam hia ahwɛyie banbɔ
Ɛna akoma hia ntoboaseɛ boɔ
…de adi nyinkyɛ

B.
Ewiase yɛ hu o
Ɛyɛ hu te sɛ sasrabonsam a onni ahumɔbrɔ se
…nankapɛsɛ w’akonya akrɔkrɔ mmɔwerɛ
Enti na pɛtɛ nam yɛ amanfoɔ tan san nso yɛ Sikaman nyinaa akyiwadeɛ
…nanso prako nam yɛ ebinom dɛ no
Na anka ɛdeɛbɛn ntira?
Sɛ anka mmoa abien yi nyinaa yɛ fi o?

D.
Ewiase yɛ hu o
Ɛyɛ hu te sɛ aboa ɔkyɛm
Enti na aboa akokɔ te fie
…na aboa antorohwieɛ da nnwuramu
Ewiase yɛ dene nti na aboa kraman da fie
…san boa nnipa ma wɔn kɔ tasi ɛnwa wɔ nwuramu

E.
Enti Abena ɛbɛnya ɔdɔ wɔ Afrankyo
Nso Akua bɛtumi anya amane
…nantesieɛ korɔ no aaa mu
Enti Akwesi bɛnya agudieɛ wɔ Abene
Nanso Kwadjo bɛtumi adi abene wɔ Abene hɔ aaa

Ɛ.
Enti tutu w’anamɔn te sɛ ɔwienfoɔ
Na bɔ wo ho ban te sɛ Otumfoɔ
Wɛn wo ho te sɛ aboa gyata
Na bɔ bra pa a ɛfɛta
Na w’ahunu ɛkwan a ɛbɛgye wo
…ne neɛ ɛngye wo
Wɔ w’asetena mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 30, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “EWIASE”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s