Categories
POETRY

GHANA ASAASE SO ABOFUNU

Ɛgya nnim ɛsrɛ mu nsronsronyɛ
Ɛnso asaase di ɛhyiɛ akyi afura mfa-me-ho ntama
Sɛ aniwa hwɛ apueyɛ kosi atɔyɛ
Na adwen de aniwa sini dane sumyɛ a
Na ɔhaw adane ekuro retutu honompa ani

B.
Teaseɛnam kwan bɔne nnim Asantenfoɔ ne Ntafoɔ mu nsrosroyɛ
Nanso amanyɔfoɔ de akwanyɛ adane tomamenyɔ
Ntomtom nnim sikani ne ohiani mu nsronsronyɛ
Nso asiesie mpanyinfoɔ ati ada
…ama ntomtom nsuten ɛremenemene ɔman yi
Nsukɔm nnim Akatamanso ne Ɔsono mu nsronsronyɛ
Nanso amanyɔkuo de fɔmagudie-tuo mu haw
…adane kyakya
Ama nsuwa nsuwa a Nyankopɔn de Nyankontɔn ahyɛ
…adane dontori

D.
Owuo nnim kasa mu ahorow
Nanso ‘anyansafoɔ’ de kasafi ɛrekyekyɛ ɔman yi mu
Ahohiahia tumi de sika daadaa Osikani sɛ ɔboro obiara so
…nanso sɛ ɔhaw memene ahiafo nyinaa a
…asikafoɔ na esi n’anan

E.
Sɛ tɛkrɛma mprɔ
Na kasapa mfɔ yi deɛ
Asowa asowa ntie esu brane
…a efiri twerɛdua kitiwa yi mu
Na ama Ghana anya anidasoɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia ©Ahinime 14, 2022

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s