Sɛ me yɛ wo mpa a
…bɛ yi me nnasoɔ
Sɛ me yɛ wo gya a
…fa nsuo bɛ dum me
Sɛ me yɛ w’ataadeɛ a
…bɛhyɛ me kosi me gu mu
Sɛ me yɛ wo nsuo a
…sɛbi, bɛdane me wo gyonsɔ
Sɛ, sɛbi, wo gya wo nan nkoaa deɛ
…wotumi we me nkaseɛ, sɛ me yɛ wo nam a
Enti nnane twenekani a ɔde ne mmaa bobɔ fɔm
…wɔ mmere a ntwenee anim da hɔ
B.
Sɛ me yɛ wo oguan a
…bɛ ka me gyimie so abaa
Sɛ me yɛ w’aponkye a
…fa ahoma mantam me wɔ m’asuoɔdene mu
Sɛ me yɛ w’akokɔ a
…fa me yɛ nkwan wɔ wo Bronya mmere mu
Sɛ me yɛ wo kraman a
…dane me wo ɔwenfo fa me kyɛ w’atanfo
Sɛ nantwie koraa wɔ n’akumfo yi deɛ
…pɛ w’adɔfo ma wɔn m’etwa me mene
…sɛ wo hunu me sɛ wo nantwie
…na me muu muu tuatua w’aso a
Mfa hu nnane ɔtumfo bɔne
…a ne dadeɛ anim da hɔ na ɔde dadebena ɛɛbɔ ne nsa so
D.
Ohufoɔ wu mpɛn bebree ansa na funu adaka agye ne nam
Ko tia me te sɛ ɔkofoɔ a onsuro ne tepɛn
Ɛnko ntia me te sɛ aboa ɔwɔ
…a ɔhyɛ nwurabunu ase
…ɛrehwehwɛ onipa nantini a ɛwɔ petee mu aka wɔ mmaakurafoɔ ntɛm
Ewiase yɛ baako
Mmere nso nnim ɔdasane
Na w’asɛi wo deɛ wo akutia
…a ɛnfa wo nkosi baabiara
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 27, 2021
Categories