Categories
POETRY

NHYIRA NSUO

Sɛ nsa kɔ ano na ano boa tɛkrɛma kɔ yɛm a
Na ɛyɛ akuafoɔ nsa ano nnwuma
Enti sɛ wo kɔ nhyira kɔ wɔn nhyira

B.
Sɛ ewiase kɔ nkan na tɛkrɛma da abɔdweɛ mu a
Na akoma bɔ kim kim ma nan tutu taataa a
Na ɛyɛ akuafoɔ ne afarefoɔ nsa ano nnwuma
Enti wo kɔ nhyira a, kɔ wɔn nhyira

D.
Nna koraa a ɛma honam humee
Adwene koraa a ɛma akoma gu ahumee
Nyinaa yɛ akuafoɔ ne afarefoɔ, mmoayɛnfoɔ ne akuafoɔ nnɔbae ayarehwɛfoɔ akyɛdeɛ
Enti mo wɔ nhyira a, hyira akuafoɔ ne wɔn ahokafoɔ nyinaa

E.
Wɔn na wɔn ho mfifire dua mfudeɛ ma ɛyɛ nnuane
Wɔn na wɔn ho fi serɛ Asaase Yaa ma no bɔ nnuane
Wɔn na wɔn ho nka boa ma mmoayɛn kɔ kan ma nsa kɔ ano
Enti wo wɔ nhyira a
…hyira wɔn
Wo tumi ko wo yɛm kɔm a
…hyira o hyira
…hyira Akuafoɔ ne wɔn akafoɔ a wɔn brɛ ɛma yɛn nkwa
Amoafowaa Sefa Cecilia ©December 3, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s