Me mpɛ wo gya sɔ
Mpo na m’akɔpɛ wo gyamfite
Enti abasa a kasa ahyɛ mu ma
…fa w’adɔɛ kɔ w’anim fa kɔboa wɔn a wɔn bɛtumi asua w’aniwuo gya
B.
Me hunu sɛnea wo hyɛɛ Ababio aniwuo
Firisɛ wo ma no baabi de no ti too yɛ
…ɛbrɛ a ahokyerɛ kyekyeree no te sɛ kokomuni
M’aniwa hunuu sɛnea wo supaa Baafi
Efirisɛ wo boa no ma no tua n’aka a na ayɛ sɛ nwansena ɛredwan n’asoho
Me hunuu sɛnea wo de Dakubɔ yɛɛ akoa
Efirisɛ wo boa tua n’ayaresa ka mmre a yreɛ yɛɛ no te sɛ tosa
Me hunuu sɛnea wo de Ewurama din twitwirii fɔm te sɛ akokɔ ano
Efirsɛ wo boa sɔɔ ne so ma ne tɔɔ adepam afidie
Enti me mpɛ wo gya sɔ
Mpo na ma kɔ pɛ wo gyamfite
D.
Wo ti hɔ yi
W’anum yɛ hene te sɛ bayisuo
Sɛ wo titi de wɔn a w’aboa wɔn twitwiri amena fi mu a
…na wo ho sɛpɛ wo
Enti kɔ w’anim kɔpɛ wɔn a wɔnbɛtumi adane w’aniwuo mu nnipa
Na me Abena Jemremedua deɛ
Me mma wo nsɔ me gya mpo
Na m’atena ho ama w’abɛbɔmu
E.
Ewiase yi
Obiara wɔ n’apɛdeɛ
…n’akyiwadeɛ
…ne kra atɔfodeɛ
…ɛne n’akradeɛ
Obiara nso wɔ ho kwan sɛ otumi di nea ɔpɛ akyi
Enti fa wo gya asosɔasosɔ kɔ do
Na me a me mpiri nsɔ me gya
…mesrɛ wo a
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 19, 2021
Categories
2 replies on “WO GYAMFITE”
Gyamfite asem na w’aboso yi?
Hmmm
LikeLiked by 1 person
😂😂😂
LikeLike