Y’ɛde nsɛmpa atena fie ama nsɛmbɔne abɛ yiyi wɔn
Te sɛ nkranteɛ, ama y’aboa awe wɔn
Afei nsɛmbɔne na ɛreyiyi yɛn yi o
B.
Y’ɛde ntamapa atena fie ama ntamago abɛ tɔ yɛn
Afei yɛn ahenewa na wɔn hyehyɛ ntamago ma yɛn ɛrebisa sɛ adɛn
Ɛwɔ ahenefie a adane nkoafie yi o
D.
Y’ɛde suban pa atena fie ama suban bɔne abɛ yi yɛn
Afei abusuosɛm na adane kataban ɛremene yɛn
Wɔ nsuo a wɔn banbɔ atena mfie ɔpipipiipii yi o
E.
Y’ɛde tumi pa atena fie ama homhom bɔne abɛ yi wɔn
Ɛnɛ yi, homhom fi na abɛtena yɛn abosom mu
Ama homhom pa eehuri paa ne to
…wɔ kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ mu yi o
Ɛ.
Y’ɛde nnuane pa atena fie ama yɛde nnɔti abɛ yi yɛn
Afei yɛn tɛkrɛma na adani dua a ɛnti dɛ wɔ yɛn sinmu
Ama nwura ne mpɛkyɛ paanoo adani yɛn biribibi yi o
F.
Oh y’ɛde mmrapa atena fie ama mmra bɔne abɛ yi yi yɛn
Afei yɛn mmranteɛ na adane akrɔnfoɔ
Yɛn mmabaawa na adane atuutuufoɔ ne atofoɔ
Yɛn mpanyifoɔ na adane abayifoɔ
Yɛn mmofra na yɛrewowo wɔn wɔ ɔman kokomu yi o
G.
Y’ɛde akyerɛpa atena fie ama akyerɛ bɔne abɛ yiyi yɛn
Ɛnɛ ɔtininiini nsa yɛ ɔbonsam nsatia
Akyɛrɛkyɛrefo na adane tiwoo yi o
H.
Enti yɛ nsakra?
Anomaa bɛn na ɔtena ase ma yɛ tutu ne ho ntakra
…pa, ma ɔde kwatrikwa piri tuo?
Enti yɛ nsesa?
Aboa bɛn na ohunu ɔbɔfoɔ afidie
Na ɔkɔ si ne dan wɔ nkyɛn pɛɛ
A onim sɛ ne nam na ɔrehwehwɛ?
Ani ne aso ne nsa ne nan
Ahunu, ati, ɛsɔ mu de nanti a
Anka yɛn sie yi ho nna kwan
Mma ɔhaw mmɛ kyekyiri yɛn amanfi
…wɔ yɛn a yɛn atifi
Nkyekyere yɛn atɔyɛ, nnane yɛn nkoa
A animtia adane tuo abutu yɛn wɔ ni buo mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 17, 2021
Categories