Nkontompo nkɔsoɔ yɛ nkontompo ntaesoɔ
Eno nti ɛti sɛ ɛdan a n’ase guo ngyina pintin
Sɛ nkontompo ho da hɔ kakraabi a
Neɛ ehiaa ne nokware asɔsɔ
Ɛnfa ne tintin ho
…ɛbɛ dwiri agu
De animguaseɛ aba
B.
Enti adɛn nti na wo nkura nokware?
Nokware ase yɛ duru
Ne fapim gyina pintinn
Ne dan si pi si ta
Na enni animguaseɛ
Ɛhyɛ annuonyam
Nokware tumi ma ayaresa
Frɛ mmoa
Ma tumi
Enti adɛn na wo nni nokware akyi?
D.
Nokware sekan tumi twitwa nkontompo mu
Nokware safoa tumi hwita nkontompo
Nokware kuro mu
…mentimehoase ntena nkyɛ
Nokware yɛ aduro
…yɛ hann
Ɛyɛ ɔdɔ
…yɛ fann
Ɛyɛ tirimu kann
…yɛ ahodwo
Enti fa nokware na gyae nkontompo
Na tena ahotɔ fie kosi wo wu da
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 24, 2021
Categories