Ɛmmerɛ bi a atwamu
Na Agya Sasabronsam kuro ne Akrofikuro bɔ ho
Obiara a ɔwɔ Akrofikurom tuu wɔn abusuafoɔ fo
…sɛ wɔn nhwɛ wɔn ho yie wɔ Sasabronsam ho
Enti na wɔn da to wɔn pono mu danwii
…ansa owia akɔtɔ
Wɔn ne wɔn mfɛfoɔ na ɛkɔ afuomu
Kɔ nsuomu
Mpo kɔ gya wɔn nan
Nso na mentimehoase na ɛyɛ wɔn adurobɔne
…a ɛrekumkum wɔn
B.
W’ati me w’aka me o
…na abaa aka atikɔ de akɔto owumena mu
Aniberɛ mprɔyɛ de bebree kɔwie wɔn funu nnaka mu
Mmaapɛ nso ma ntɔkwa ntɔkwa bebree de nkyekyɛmu baa Akrofikuro mu
…a na Agya Sasabronsam nsa nnim koraa
D.
Wɔn sunsum afidie bebree nso eyiyii wɔn ho wɔn ho
Twitwa ebi nan
…wɔn nsa
…kunkum bebree
Wɔn de ogya kɔtoo wɔn hyiɛ so
…ma no danii ogya hyehyiɛ bɛ hyee wɔn mfuo
Wɔn bobɔɔ apɔ bebree a ɛkɔ tia wɔn ankasa
Ɔkɔmfo a ne tumi ano yɛ nam na ohunu sɛ
…wɔn Sasabronsam titi wɔn ara wɔn mu
Wɔn na wɔn toto mmaa munaa
Wɔn na wɔn de anibere kunkum amanfoɔ
Wɔn na wɔn de patapaa ewia neɛ enni wɔn
Wɔn na wɔn de ntorɔ di adanse kurumuu
Ɛne neɛ ɛkeka ho
E.
Enti ɔbɔɔ dwa ka kyerɛ wɔn nyinaa
…nso wɔn nwiinwii yɛ de ɔyiaw sunsum afidie
…a egusu ɛreyiyi wɔn bɛsi nɛ yi a
…Sasabronsam atu amim afri asaase so yi
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 3, 2021
Categories