Categories
POETRY

AGYA TUA DUA

Agya tua dua nso ontumi nnua nti
Amanfoɔ si no huu de aniwuo kyekyere n’abati
Ebi frɛ no ɔbaa basia
Ebi frɛ no ɔba kwasia
Ebi frɛ no akokɔ mɛsa
Ebi frɛ no
…ahuhuro mu awɔ
Nso agya tua dua a Nyame ankasa adua

B.
Sɛ nka nnipa yɛ Nyame a
Anka me tiboa betumi aboa wɔn huro yi
Sɛ anka nnipa yɛ Ɔbonsam a
Anka m’akoma mu abufuw akɔm yi
Bɛ di hyire ati atɔ
Nanso nnipa yɛ nnipa
…ammɔ srɛ na w’akɔbɔ nan
…ammɔ aniwa na w’akɔbɔ hwine
…ammɔ nan na w’akɔbɔ dua
Enti nnipa ne hwan na w’akɔbɔ obi akwaa srehehe?

D.
Wo yɛ nnipa mu nwia
Sɛ wo fii wo se sere nnipa akwaa a ɛho ati kyema a
Wo yɛ nnipa mu akwaagyadu
Sɛ wo ma aniwuo kyekyere obi anigye a
Agya tua dua nso ontumi nnua
Nanso Nana Nyame na ara na ɛbɔɔ no saa
Nti ka w’ano tom o ton! Amoafowaa Sefa Cecilia © May 14, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s