Categories
POETRY

WIAMUA OWUO

Owuo de ɛkɔm eedi akɔm
…ɛwɔ ateasefoɔ mpɔ mu
Owuo de nkwa adane ɛkwan
…ɛwɔ nnipa aman mu
Owuo de nsukɔm eepia nisuo
…ɛwɔ nkwa ajosuo yi so
Nso nnipa a wonni tumi
…wo fa he kɔ ko?

B.
Owuo bɔ hu ooo
Ɛɛkyere w’adɔfoɔ no na ɛɛbɔ wo nkae!
Owuo hoɔ hu ooo
Ɛmene w’atamfoɔ no na ɛde ahi ɛɛbɔ wo nkae!
Owuo hoɔ hene ooo
Ɛfa mpanyimfoɔ no na ɛkyekyere mmɔfra!
Nso nnipa a wonni tumi
…wo fa he kɔ ko?

D.
Owuo te sɛ apankan ma onyiniborosoɔ
Owuo te sɛ wiemuhyɛn ma nea w’ayare akyɛre
Owuo te sɛ yɔnkoɔ ma nea oodi apinisie
Nanso owuo yɛ ɔkyɛm a ɔkyere mmɔfra
…kum mmabunu
…dwedwa mpayin
…wia mmotafowa nom
Nso nnipa a wonni tumi
…wo fa he kɔ ko?

E.
Owuo nni yɔnkoɔ ooo!
Enti siesie wo ho sie
Owuo nnyɛ suahunu ooo!
Enti bɔ bra a ɛfata wo
Owuo nnim ɔdefoɔ ooo!
Enti fa ɔma suban nante
Owuo mmɔ nkae ooo!
Enti nfa nnuho nsie w’akoma mu
Owuo yɛ homhom huuhu a Otwereduampong anwene
Enti hwan ne nnipa
…na ɔne no akɔdi ako?
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 21, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “WIAMUA OWUO”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s