Me
M’atɔn ɛkɔm de agye nnɔbae
M’adaadaa akɔm de adɔ wɔ Adae
M’ahwe nsukɔm asom de aso nananom nnae
Sɛ wo de wo fɔm ma me a, medua bayie atwa ahenman
B.
Me,
M’afro afrɔtɔ akɔbɔ nkɔtɔ
M’asɔ asɔsɔ de apam apɔsɔ
M’afam ɛban abubu no afrɛ hann
Sɛ wo de wo tan ma me a, medua ama n’aso ɔdɔ
D.
Me,
M’asom owuo de agye nkwa
Me ne aniwuo ako akyere no kwakwa
M’atumi ama asomdwoe ako ɔhaw ntɔkwa
Sɛ wo de wo nkoasom kye me a, medua nkoguo amano aso nkunimdie
E.
Me
Me de mfɔɛ aforo apata ama n’ahata
M’atɔ mpɔmpɔ ama n’ahwita
Me ne bɔne afa nnamfoɔ ama n’adane papa
Sɛ wo de wo yareɛ ma me a, medua ama n’aso ahoɔden
Ɛ.
Enti tie me ne fa me nnwom di asa
O tie m’asɛm n’afa me ntam kɛseɛ sɛ w’akosa
Mesrɛ sɛ dɔ me mframa n’afa me nsuo yɛ wo nnua ahoɔden
Na m’ɛma wo ayɛ ɔhenpɔn a wobɛgye abodin mu ahoɔden
Na sɛ wo yɛ adwumaden ma wo mma tena fie a
Wo bɛhunu me su ne me ban ɛne me banbɔ
Efirisɛ me yɛ tumtum nyinaa abrane
Me yɛ ahoɔfe nyinaa hann
Me yɛ agudiɛ nyinaa bann
Me san nso yɛ nsaase nyinaa abɔdeɛ
Wo bɛtumi afrɛ me Abibiman
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 20, 2021
Categories
2 replies on “ABIBIMAN”
Bon weekend à vous !
LikeLiked by 1 person
Bon weekend à vous!
LikeLike