Categories
POETRY

AFƆRIFIE

Nea otumi da yie
…ɛnɛ ahohiahia yi mu no, na ɔwɔ bayie
Efirisɛ firi animdefo kosi abrɛfo so no, biribiara nkɔ yie
… mpo na sika papabi aba fie
Eno nti na akoma ne adwene ne ano nkitaho nkɔ yie
…mpo na aso anya fawohodie atie

B.
Enti yɛ ahwɛyie
Mma w’ano ntra yɛfunupan
Efirisɛ worentumi nsoa ne tan
Mma w’ani nkan nsapan
Efirisɛ worentumi ne no nsi akan
O mma wo han ntra akoma biara tan
Efirisɛ ɔhaw ɛredi yɛn so ɔman yi mu tesɛ kooko amaman
Enti obiara nni hɔ a ɔwɔ ban

D.
Yɛ de kankɔ asoa tesɛ apakan
Nso yɛ nhunu sum mpo na y’asɔ ne han
Ahohiahia ne aban ankasa ban
Enti neɛma bɛyɛdɛn akɔ yie?
Wo bɛ tie a tie
Da wo ho so na ma asomdwoe kakra ntena fie
Na ɔhaw mere nie
Nkɔtwa wo ho te sɛ Lot yerɛ nkɔ dane nkyene sie
Sɛnea wo bɛtumi adi wo nkwanna awie
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 2023

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a comment