Mo nnunu mo ho na mo nsere
…mmu m’oani ngu nnepa bebree a mo rehwere
…so
Na sɛ daakye adekye
…na nkyirimma fa anibere kɛntɛn kɔ po a afikyere
Na wɔn de anibue hunu sɛ mo nnyuma na ɛde wɔn nampa kyekyɛ asrokye
…mmaa ne srikye ahoma pansam wɔn a
Ɛhɔ na mo sunsum bɛti nnuho kɔm
Na mo akra bɛti kɔankra sutrɔ ne n’akɔm
B.
Mo deɛ mo nnunu mo ho na mo nsere
Sɛ daakye mu hwee duru ne mere
…na ewiase de mo prɔyɛ kukuru mo nkyirima hwi kɔm ne nsukɔm mmoɔ so a
Ɛhɔ na mo bɛti mo Nananom ‘ah ah ah’
…ɛne mo nuho
D.
Enti mo ntɔn agudie plɛti a mo nsupa gu
Na mo nto adwene a ɛɛbɔ nsukɔm dawuro ngu
Na sɛ m’awia wiawia kɔduru ogya tanaa daberɛ
Na akoma bɔ nsukɔm twinii kyɛ
…a, ɛhɔ na mo bɛhunu sɛ
Egya nfa ne ho ntoto awɔ mmiayɛ ho
…wɔ mmere a wɔn ewiemu nnyɛ korɔ
Mo ngyae mo nnɔbae pa dua
Na mo mma afoforo nua mmɛtɔn mma mo
Na sɛ nwuma nwuma foro ɔman yi apata
Na sikapa ka sɛ mo nfata a
…ɛhɔ na mo behunu adwenbɔne adwosuo
Enti mo nnunu mo ho na mo nsere
E.
Mo deɛ mo ngu so nfa m’ahoɔden mmoa aman afoforɔ
Na mo nguso nfa nsɛmhunu nyɛ m’abrɔ
Ebere bi bɛba a aman afoforɔ a m’aboa asisi no
…bɛ pampam mo
…asan ayi mo ama
Saa mere no na mo kwatrikwa no a mo gyayɛ no
…adane kwakwakwa a asɛi aboro so
Enti mo ngu so nnunu mo ho na mo nsere
Nkosi sɛ amanaman kɔtrikɔ bɛ si mo
Ɛhɔ na mo bɛhunu wiase asan ati wiase kasa ankasa
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 30, 2021
Categories