Abibiman nyinaa adane onnibie
Ama ohia apopobibire asi yɛn wɔ mantwia so
…te sɛ nea mfɔtiɛ si wɔn sie
Ama mmoadomma nyinaa bu yɛn atantandeɛ
…san ewurawura yɛn mu
…ɛwia yɛn pasaa
Abibire mu apopobibire!
B.
Mpo nsuwa nsuwa nyinaa da ayiya a efi ɛretwetwa wɔn mene
A wɔn dawuro a ɛɛpae daakye nsukɔm
…ɛntɔ aso biara mu
Ɛnɛ yi, Bremu awu ama Nkyemkwaa ɛɛnom dontori
Nsu-Pra yɛm gurinyiii apra ama afrɔ n’atɔ ne so
Afram adane nɔti afrafra
Ama Tano aduru ɔtan ne adutoɔ ano
Nsu gurunyiii bɛyɛdɛn aduru yɛn nkyirimma pɛn so?
Abibire mu apopobibire!
D.
Ɛka adane onini ɛmemene yɛn
Nso prɔyɛ gu so eetwi amanaman te sɛ bɔɔla hyɛn wɔ abosia a wɔn ano ɛsene sikan so
Mpanyindie adane Kokofu bɔɔlobɔ
…wo nua nnim na wo pɛ sɛ wo nan ka bi a
…agye wo twa wo nan no to bɔ bɔɔlo no
Adɛn na banbɔfoɔ adane akrɔnfo tetweamoa yi?
Adɛn na nsɛmtwerɛfoɔ bi nom adane akomatifoɔ yi?
Adɛn na nsɛmhia adane nsɛmkwaa yi?
Adɛn na adehyeɛ nkotodwe gugu fɔm
…ɛsrɛsrɛ yi?
Abibire mu apopobibire!
E.
Ebi eetwabɔ wɔn nuanom
…na ebi eekum wɔn nanom
Ebi ɛɛtɔn wɔn man no
…na ebi eeguane wɔn asɛdeɛ
Ebi ɛɛkyiran wɔn mmaa no
…na ebi de ɔtan ntaade ɛɛhyehyɛ wɔn man
Abibire mu apopobibire!
Ɛyɛ sere yɛ tan,
…yɛ fereɛ, hyɛ esu
Nso onibie tenabrɛ a nie
Abibire mu apopobibire!
Awerɛhoɔ amanfi a agya yɛn efi nfifire
Yɛ yɛdɛn firi mu?
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 28, 2021
Categories