Categories
POETRY

GHANANIBA

Ghananiba te sɛ atuduro
Onsuro awia ɛne n’ahuhuro
Nanso ɛpɛ koraa ntumi nnyɛ n’adamfo
Enti hunu sɛ ɛbɔ-fɔsuo a ɛnane yɛ nsuboɔ te sɛ n’atamfo

B.
N’aduane deɛ, ɛyɛ ofie ne fie
N’abusuafoɔ ne no te sɛ nfɔtiɛ ne sie
Ɔdɔ n’afahyɛ, dɔ n’asa
Dɔ ne ntaadeɛ, dɔ ne kasa

D.
N’aduanedie tumi kyerɛ n’adwen
N’ataadehyɛ bu bɛ san tumi kasa kyerɛ n’adwen
N’asa yɛ kasa a abadweneba de di nkɔmɔ
Mpo ne nnwom wɔ tumi a etumi di nkɔmɔ

E.
Ghana mma dodow no ara yɛ tuntum abrane
Amanfra awareɛ ama ebinom yɛ kɔkɔɔ te sɛ esie anaa Kwesi broni
Nyiyimu nnyɛ yɛn su
Enti krotwiamasa owuo mpo suro yɛn su

Ɛ.
Yɛ di awoda ma no yɛ fɛ te sɛ nhwiren
Yɛ di yɛn afahyɛ ma yɛn kuro dani butu te sɛ ahenmanmu nhwiren
Yɛ nim ɔdɔ di, nim awareɛ amamrɛ
Na sɛ owuo to nsa frɛ yɛn mu bi nso a, yɛ nim ne nkogyadeɛ

F.
Ghananiba mapa yɛ nyansafoɔ
Yɛ wɔ subanpa san yɛ adɔyɛyɛfoɔ
Yɛ nim sɛ wɔnsɔmu wɔnsomu ara ne nnipa
Enti yɛ kɔ yɛnho yɛnho mmoa san dɔ nnipa

G.
Yɛ de nsɛnkuo ne asa kasa
Yɛ de mpintin ne afutuo tie san sua kasa
Wɛntwiwɛntwi twitwa yɛn nanti koraa a,
Yɛ mma no sekan na abɛtwitwa yɛn kra

H.
Yɛ dɔ yɛn nanom
Bu yɛn agyanom
Yɛ pɛ yɛn mfudiɛ
San dɔ y’afarediɛ
Ghananiba mapa te sɛ dua pa
…yefifiri baabiara a wo bɛ gu yɛn aba
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 12, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s