Me nnwin te sɛ sirkye ahoma anaa atentenhuo
…a emu yɛ duru
Kakraa bi yɛ bebree
…nso aman foforɔfoɔ nhunu
Neɛ me twi mu a ɛbɛgu m’akyi no
Te sɛ nea ɛɛyɛ ayɛ obi tikwa
Ɛyɛfɛ yɛ duru
…ɛyɛ aduro yɛ banbɔ
B.
Ahuhuro nyɛ adeɛ a ɛnene bɔ
Nso awɔ mu no
…ɛyɛ etire ataadeɛ
Me bɔ a
…ɛtisɛ nea m’ama no mframa kwan
Me gyae gu so a
…ɛyɛ abotire fɛɛfɛ
Sɛ m’anunu mu a
…ɛma me tumi a ehu di akyire
Na sɛ me e twa mpɛsɛ a
…ɛma me homhom mu tumi
…a me nananom mpaebɔ tae akyire
Me nnwin yɛ fɛ
…yɛ den
De ɔko hyia afi
…de asoɔmerɛ fam duku
D.
Enti obiara sereɛ nka m’ataadeɛ
…na akɔka me honam
Obiara atwitwii nnyɛ me yiaw
…na mpo akɔyɛ me dadwene
Obiara suro nnyɛ m’ahuhuro
…na akɔ kyim me nisuo
Sɛ wo nnwini ne mframa di adɔgro a
…me nso me deɛ de ɔdɔ fam me ti ho
Ɛyɛ me banbɔ
…yɛ m’akyɛdeɛ
Ɛyɛ m’ahoɔfe
Ɛyɛ me mfatadeɛ
E.
Enti merenfa nsie
Wɔn a wɔn de ogya atwi ne nhyɛmuu ama no ayɛ te sɛ apɔtrɔ a w’awuo
Wɔn a wɔn pɛsɛ wɔn twa mpɛsɛ
Nea ɔde awugya nwini bɛtim ne tiriso
Nea ɔbɛyi ne tiriho kwatrikwatri
Wɔn nyinaa wɔ ho kwan
Anim nnyɛ lorry kwan na ada korɔ daa ara
Nsesamu hia
Enti dɔ wo nnwin na me nso me nnɔ me deɛ
Fa wo nsa di mu agorɔ wɔ wo kɔn ho
Me nso de me deɛ bɛdi mu agorɔ wɔ mi tiri mu
Ɛyɛ sɛ Nyame ama obiara neɛ efata no
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 9, 2021
2 replies on “ME NNWIN”
Eye nokware.
LikeLike
🙏💙💙💙
LikeLike