Categories
POETRY

ONYIN KYƐ

Ɛnɛ ɔsraneGyina ewiemu te sɛ esum kuraƆsrane eeeeei, tie m’amaneɛEwiase ɛyɛ dɛEwiase ɛyɛ fɛNanso nnipa te sɛ kurowaƆnkyɛ na w’abɔ B.Enti nka ka baabi a wo wɔNa hyirɛn baabiara a mɛ kɔƐnɛ ɛhan ei…Ka babia wo gyinaNa boɔ ma me nna ngyina babia ogyinaOnyin ataadeɛ abɛhyɛ meƆhaw adane m’adwenkyɛEwiase gyina babia ogyinaNanso me de mmirika […]

Categories
POETRY

Wonya Baako a Wɔse Mienu

Abena mɔborɔwa, ewiase bɔ me pusaWɔn de awareɛ danee aban-kawa guu m’anuonyam nsa…twii no kɔtoo aniwuo kokomuMe de ɔyiaw ne amanehunu firii mu no,Wɔ san de awoɔ bɔɔ me kwaadu wɔ amansan asɛmdibia…ma me dii nkuguo pɔtɔɔMe de apiriapireɛ woo ba baako pɛ,…na wɔn san de ‘ba koro’ suboɔ bɔɔ m’ahweaseɛAfei wɔn reka m’anim sɛ […]

Categories
POETRY

DADDY LUMBA

Na me mpaebɔ ne sɛ, me rensu mma wo wɔ me mmabaawa brɛ yi muNa me mpaebɔ nso ne sɛ , wo nkra yɛn animanim yi araEfirisɛ na me pɛ wo asɛm bebreeWo maa ewiase hunu sɛ anidaso wɔ hɔ ma obiaraWo san kyerɛɛ sɛ Onyame were nfiri ne mmaWo de afutuo akɛse na egyaa […]

Categories
POETRY

AMMODIN

AMe na me dan bɛn tiefiEnti m’aso ɛsɛ atie-foo ne atie-fiNanso mo nkae sɛ…m’ano ɛbɛ tumi akyerɛ amansan mo trumu-nnwom a mo de retetɛ BMe na me nisuo nni ɔpupafoɔEnti me fata sutrɔ firi nsa a ekura agyimifoɔ ahomasoɔMonkae sɛ, Nana Nyame hwɛɛ aboa biara so…na ɔbɔɔ n’akodeɛ a ɛbɛhwɛ ne so DMe na me […]

Categories
POETRY

AMANBƆFOƆ

Ɔse aban a ɛte so yi yɛ n’abanEnti bɔne biara a ɔbɛyɛ no aban no bɛbɔ ne ho banNanso Eno eAgya eAban yɛ ɔman yi hyɛnkafoɔƐnyɛ nnipasuo bi banbɔfoɔƐyɛ kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ…na ɛde yɛn aduru saa ɔhaw yi asuɛyɛ Enti fa adwene na di asɛmpaMɛntoa suban bɔne yi so mma no nka IIEfirisɛ aban kɔ […]

Categories
POETRY

ATIFI MANTƐM ƆHYIW

Ɔhyiw braniƆhyiw a ɛma ahodwan bɔ honam nsamraniƆhyiw mframakyiriƆhyiw mfifiri yiriƆhyiw m’apa B.Ɔhyiw nieƆhyiw a ɛma Ɛwura Adwoa dware mpɛn nan dakoroƆhyiw a ɛma ntadehyɛ yɛ akyiwadeɛƆhyiw a ɛma ahohoɔ ho yɛ ahiƆhyiw no nie D.Ɔyhiw nieƆhyiw a ɛma abɔdamsɛm yiri fieƐma nsuo dani ntutuo dwane kɔ sieƐma mframa dane ogya wusie ɛde ɛwa ba […]

Categories
POETRY

MAAME AMA DONKOR (An elegy)

Wo wuo yi yɛ dae a, anka anigye tuoNa me de bɛ ko ɔhyew abufuw…a ɛrenoa m’anisuoƐsan so reto nnwom-nkuguoƐrehyɛ m’akuma tuo IIƐyɛ atesɛm a, anka me de huro buoɔ na ebɛdi no dɛmAhyɛ ɔkonkonsani abotisɛmAma w’ato ntorɔ anansesɛmNa wɔn afura aniwuo te sɛ wɔn akokyɛm IIIWo bra kosi wo wuo…gya me nisuoW’ahofama ne wo […]

Categories
POETRY

ME YƐ ƆBOTAN

Me yɛ ɔbotannsuo bɛtumi ayiri afa me soAwia bɛtumi ahye me kosi sɛ ntutuo bɛ bunkam me soEgya bɛtumi ahye me ama m’ayɛ tuummNso mɛ kɔ so ayɛ ɔbotan B.Me yɛ ɔbotannnipa mpimpim bɛtumi afuru meAbɛ tiatia m’apampa soEbi bɛtumi abɛgyina me soDe apiri Ɔbɔadeɛ asotieEbi bɛtumi agyina me soDe akunkum wɔn atamfoM’ɛkɔso ayɛ ɔbotan […]

Categories
POETRY

ASƐM SƐ BƐ

Sɛ aniwa mu abufuw tumi kum nnipa aAnka Abena Jemremedua…m’awuYɛhwɛ me benkumHwɛ me nifaHwɛ me tiiiKwɛ m’atikɔTe sɛ ɔbonsam asraafoɔ a wɔn ɛrehwehwɛ me mogyaAdɛn aMa ti amansan amaango korɔ a esɛn prɔyɛ wiemuAbena m’ahyi B.Na wɔn dwene sɛ me de suro bɛ guane te sɛ ɔpɔnkɔ a w’ati prakaNso me de abotrɛ tenaa wɔn […]

Categories
POETRY

AKƆKA ABƐKA ABƐSENE

Konkokoniko kyinkyiniiAboa Apapu afuru apata asi fɔm…akɔfrɛ Oguan ne ƆkramanAyɛ n’ano te sɛ asɔsɔAkɔdi nkɔmɔbɔne afa aboa Ɔtwi hoAma Ɔkraman akɔ pɔ sɛɛ wo wo wo wo…ama amansan ati B.Konkonkoniko kyinkyiniiMmoadoma nyinaa asu ama Ɔhene Gyata…afrɛ yie ne nhwehwɛmu ɛdi aboa Prako adi ho kyeameAma w’ayɛ asɛm no fi pɔtɔɔAkɔfrɛ Ɔtwi sɛ ɔmmɛ yi n’ano […]

Categories
POETRY

PAPA BƆNE

M’akɔpɛ asɛm anya asɛmBɔɔla so anomaa gyina me so ɛre pɛ ntɛmAma ɔse ɔde m’akoma ɛrekɔma adɛnkyɛmEfirisɛ m’ani ahunu ama m’ano aka n’asɛm B.M’akɔpɛ asɛm anya asɛmHwan koraa na ɛka kyerɛɛ me sɛ me nkɔka n’asɛm?Me nim paa sɛ ne yɔnko ne apɔnkɔ, akɔreɛ ne adɛnkyɛmWɔn a wɔn tumi dani ntrɔ fitaa nokware asɛmNti m’ano, […]

Categories
POETRY

AFƆRIFIE

Nea otumi da yie…ɛnɛ ahohiahia yi mu no, na ɔwɔ bayieEfirisɛ firi animdefo kosi abrɛfo so no, biribiara nkɔ yie… mpo na sika papabi aba fieEno nti na akoma ne adwene ne ano nkitaho nkɔ yie…mpo na aso anya fawohodie atie B.Enti yɛ ahwɛyieMma w’ano ntra yɛfunupanEfirisɛ worentumi nsoa ne tanMma w’ani nkan nsapanEfirisɛ worentumi […]

Categories
POETRY

KWAJO SIMPAH NHYƐ ME ABUFUO

Woretu me mu tokroƐregya me ɔdɔ koroNa w’asan de adwumasuru asom me surusurusuru agya me suroDe mma du adua me ahokyerɛ kuroA wo mma me kaprɛ mpo na w’ama me aburoKwajo Simpah, nhyɛ me abufuo B.Wo de ɔhaw ahyɛ me kabaDe ahokyerɛ ahyɛ me sliitiWo de ɔbrɛ abɔ me dukuAsan nso de ɛkɔm ahyɛ me […]

Categories
POETRY

WO TE PUUPUU A

Ɔmaa no ɛdanƐna ɔbɔɔ no ho banƆmaa no ɛhyɛnSiesie no ma no nyaa nsroma hyerɛnƆshɛɛ no dwaDe ahotɔ sii akongwa pa ma no yɛɛ n’agwaƆtoo no pono wɔ n’atanfo adwabɔ kɛse ponotireMaa anibere hyɛɛ n’atanfo mfifireNso no nyinaa akyire yi noƆde mpamu yareɛ kɔdiawuo yi bi sanii noNti wɔ wo fufuo di Na puupuu no […]

Categories
POETRY

AKRƆNFO NE WƆN NAMFO

Ampa sɛ ɛmoa a wɔn takra sɛ tu mmrɛ krɔEfirisɛ ɛkameayɛsɛ wo nyɛ ɔkrɔnfoɔ a wonni namfoɔƆbarima teneneeni bi tenaaseƆyɛɛ n’adwene sɛ ɔnni bɔneEnti n’abaanguaso no, w’angye adaamude biaraEbi yɛɛ wɔn ho nguan kɔ sɔɔ no hwɛɛ yɛEbi yɛɛ wɔn ho gyata kɔ hunahuna noEnso ogyinaa pintiin tesɛ onyina…a ɛnsɔhwɛ biara aammɔ no anhwe hɔ […]

Categories
POETRY

SIKANI NE OKUANI

Mmere bi a atwamuWɔ Amansie AbibiremuOkuani bi kɔɔ osikani bi hɔ kɔpɛɛ mmoaOsikani no hwɛɛ no dinn frɛ no nnipa mu aboaSan ka kyerɛ no sɛ w’ayɛ te sɛ nnipa mu kɔntoaA ohia adane ahama akyekyere ne kɔnEnti ontumi nfa ne sika a w’awidare ne mogya ani apɛMma no efirisɛ onim sɛ ontumi ntua IINa […]

Categories
POETRY

ƆKRAMAN AHOBRASEƐ

Kotodwe biara a egu fɔm nɛ wɔ daakye ahomasoEnti susu bɔ ɔkraman ahobraseɛ abasoNa animguaseɛ ankɔ guare wo wɔ akagyinamu dan akyi B.Ɛnɛ anobrɛbrɛ wɔ daakye atiatiaEnti susu gyegye onibie ti na twa kyɛwpa so tiatiaNa w’ankɔhwiri gyideɛ a ɔmanfoɔ wɔ wɔ wo mu D.Efirisɛ nnipa bɛtumi ayi n’ani ato wo tuo te sɛ ɔbɔmɔfoɔAma […]

Categories
POETRY

GHANA ASAASE SO ABOFUNU

Ɛgya nnim ɛsrɛ mu nsronsronyɛƐnso asaase di ɛhyiɛ akyi afura mfa-me-ho ntamaSɛ aniwa hwɛ apueyɛ kosi atɔyɛNa adwen de aniwa sini dane sumyɛ aNa ɔhaw adane ekuro retutu honompa ani B.Teaseɛnam kwan bɔne nnim Asantenfoɔ ne Ntafoɔ mu nsrosroyɛNanso amanyɔfoɔ de akwanyɛ adane tomamenyɔNtomtom nnim sikani ne ohiani mu nsronsronyɛNso asiesie mpanyinfoɔ ati ada…ama ntomtom […]

Categories
POETRY

KOKROMOTI TUMI

Anomaa bi su sɛ da bio bioEnti ani na ɛbɛhwɛ na ano nka bioSuban tantan a akantan w’akoma so ama wo di atwitaan tumi, Aso brakyiɛ a ɛbutu afutuo biara efisɛ wo di tumi, Ɛbɛtukwan akosi wo srɛ mrɛ soƐhɔ na kokromoti bɛkyerɛ wo ne akɛsifo tumiDe ahwan wo to de ahwi animguaseɛ boɔ soAmoafowaa […]

Categories
POETRY

KAPRƐ

Me deɛ me nni kaprɛ…na m’anya nsatofrɛEnti m’ani na me de me rehwɛ…mmofra a mpanyin bɔne ɛregoro wɔn te sɛ atoprɛ BMe deɛ me nni kaprɛ…na y’agye m’enkyerɛkyerɛEnti m’ani hann na me de rehwɛAdehyeɛ a wɔn ɛrepri nkoa dibrɛ D.Ei me wɔ kaprɛ…na y’agye m’adwenkyerɛ?Enti me yɛ dɛn kɔ tia nkoa a wɔn rekyekyɛ…adehyeɛ agyapadeɛ? […]

Categories
POETRY

NHYIRA NSUO

Sɛ nsa kɔ ano na ano boa tɛkrɛma kɔ yɛm a Na ɛyɛ akuafoɔ nsa ano nnwumaEnti sɛ wo kɔ nhyira kɔ wɔn nhyira B.Sɛ ewiase kɔ nkan na tɛkrɛma da abɔdweɛ mu a Na akoma bɔ kim kim ma nan tutu taataa aNa ɛyɛ akuafoɔ ne afarefoɔ nsa ano nnwumaEnti wo kɔ nhyira a, […]

Categories
POETRY

NNOMAA

Nnomaa mu gu ahorow…nso wɔn nyinaa wɔ ntabanAkɔnfɛm ho yɛ hare sene akokɔNanso abronomaa kitiwaa yi tu faafaa kɔ wiemu sene akɔnfɛmAkɔkɔhwideɛ ho yɛ hene sene abrɔnomaaNso ɔkɔreɛ ho yɛ hu sene nnomaa nyinaa B.Nti mɛnfa wo ho ntoto obi hoWo su ne wo ban na ɛkyerɛ w’abrabɔ mu anigyeDwene, sua na hunu sɛnea wo […]

Categories
POETRY

WO GYAMFITE

Me mpɛ wo gya sɔMpo na m’akɔpɛ wo gyamfiteEnti abasa a kasa ahyɛ mu ma…fa w’adɔɛ kɔ w’anim fa kɔboa wɔn a wɔn bɛtumi asua w’aniwuo gya B.Me hunu sɛnea wo hyɛɛ Ababio aniwuoFirisɛ wo ma no baabi de no ti too yɛ …ɛbrɛ a ahokyerɛ kyekyeree no te sɛ kokomuniM’aniwa hunuu sɛnea wo supaa […]

Categories
POETRY

GHANANIBA

Ghananiba te sɛ atuduroOnsuro awia ɛne n’ahuhuroNanso ɛpɛ koraa ntumi nnyɛ n’adamfoEnti hunu sɛ ɛbɔ-fɔsuo a ɛnane yɛ nsuboɔ te sɛ n’atamfo B.N’aduane deɛ, ɛyɛ ofie ne fieN’abusuafoɔ ne no te sɛ nfɔtiɛ ne sieƆdɔ n’afahyɛ, dɔ n’asaDɔ ne ntaadeɛ, dɔ ne kasa D.N’aduanedie tumi kyerɛ n’adwenN’ataadehyɛ bu bɛ san tumi kasa kyerɛ n’adwenN’asa yɛ […]

Categories
POETRY

YƐ SE YƐ SE

Yɛ se yɛ se tumi dua ɔtan wɔ ɔdɔ asaase soMa no fifiri nyini dane dua damfoɔ…a n’aduaba tumi te te sɛi asaase no B.Enti tie kɔ ka nyɛ adwuma menuaAdanse krumuu mu gyae ma me nka nyɛ nsɛmbɔ menua“Me tii sɛ” nsɛmkwaa nnyɛ asresɛm menuaEfirisɛ etumi bɔ ɔman …sɛi fieEtumi gu awareɛ …tete nnipa […]

Categories
POETRY

BRONYA NKOKƆ

Bronya a ɛreba yiBebree no aaa na ɛbɛdane amanfoɔ ayaase nkokɔAhwiaso tim! Dua so pim! Ɛhyɛn mu yim! Mangoase sim! Obi mantwea kim! Tokro bi mu bim! Dantuo bi mu fam! Wɔn a wɔn aniso bɛti wɔn na wɔn plɛti so nni mmɔfra su, …bɛ kɔ nnase asɔreNa wɔn a wɔn bɛ di nyinsɛn owene […]

Categories
POETRY

MƐ SOM ƆBONSAM

Mɛ som Ɔbonsam na m’ayɛ homhom fi me mpenaMe ne adiamone honhom bɛgro atuprɛ na me ne abayifoɔ abɔ tsatsaMe ne akronfoɔ bɛto pono na me ne atuutuufoɔ atwi mmomomeMɛ ne atwitwatirefoɔ bɛyɛ namfoɔ…na m’akyiran akronkronfoɔ B.Efirisɛ;Firi mere santeni nni a atenneneefoɔ de ɔko foro adebɔneyɛfoɔNsesaɛ biara ntutu mfiri yɛn man yi mu Efirisɛ;Mere bebree […]

Categories
POETRY

GROMEATOATƆSOM

Kofi Amponsah adani gromeatoatɔsomW’abɛtena me so te sɛ bosomBaabi a ne nsa kɔ yɛ firi me sen mu kosi n’anoNe nsa nka fie adwumaNe nan nkɔ nkɔpɛ adwumaƆno nso a, anwanwadeɛ biara nni hɔ a otumiyɛ wɔ mpa muNea onnim a ne sɛ ɔrebɔ me asɛnnua mu B.Kofi Amponsah hunu me na me yɛ ɔbaa […]

Categories
POETRY

NUFUO

Nufuo te sɛ Ɔbɔɔ Adeɛ nsuo kukuoƐwɔ nsuo a Nyame ankasa atu ne bo asɔneNufuo te sɛ Onyankopɔn aduane kukuoƐwɔ nuane pa a Ahunu Abɔbirim ankasa atena ase ayɔƐno nti na ɛboa mmofra nyini fromfrom bɛ yɛ mpayinƐno nti na ɛboa mmerima adwene si pi de sane wɔn hoƐno nti na esiesie mmaa ma wɔn […]

Categories
POETRY

SUA NA HUNU

Sɛ nsuo nim sɛ ɔbɛtɔ aduru asaase so a …anka w’ammuna ankata ne so wɔ fɔmSɛ ɛwia nim ɔsrane so mfasoɔ a …anka n’atɔyɛ ɛnnum ewiase hyirɛnEpue ne atɔyɛ ho mfasoɔ gyina aniwa soNyansapɔ yi hia nsaneɛ pa…wɔ abrabɔ mu B.Enti nya akoma pa …na fa nsusuyɛ paEnti bu nnipa biara…na dɔ firi w’akoma mu […]

Categories
POETRY

NKONTOMPO

Nkontompo nkɔsoɔ yɛ nkontompo ntaesoɔEno nti ɛti sɛ ɛdan a n’ase guo ngyina pintinSɛ nkontompo ho da hɔ kakraabi aNeɛ ehiaa ne nokware asɔsɔ Ɛnfa ne tintin ho…ɛbɛ dwiri aguDe animguaseɛ aba B.Enti adɛn nti na wo nkura nokware?Nokware ase yɛ duruNe fapim gyina pintinnNe dan si pi si taNa enni animguaseɛƐhyɛ annuonyamNokware tumi ma […]

Categories
POETRY

NKONTONKYINI

Y’ɛde nsɛmpa atena fie ama nsɛmbɔne abɛ yiyi wɔnTe sɛ nkranteɛ, ama y’aboa awe wɔnAfei nsɛmbɔne na ɛreyiyi yɛn yi o B. Y’ɛde ntamapa atena fie ama ntamago abɛ tɔ yɛnAfei yɛn ahenewa na wɔn hyehyɛ ntamago ma yɛn ɛrebisa sɛ adɛnƐwɔ ahenefie a adane nkoafie yi o D.Y’ɛde suban pa atena fie ama suban […]

Categories
POETRY

EWIASE NHWEHWƐANIM

Yɛresu amankuku a Yɛgyina aman ntɛmEfirisɛ nea ani ahunu na ano pɛnsɛTe sɛ aburo de twerɛ nsɛmNea ewiase nhwehwɛanim de yɛn aduru ni o o B.Sɛ yɛre ma akyɛdeɛ a Yɛgyina ani ne ano ntɛmEfirisɛ nfoni nni hɔ a, nsɛm tumi dani adɛmkyɛmKyekyere nsoroma to twene nkontompo abusia ntɛmNea nhwehwɛanim de yɛn aduru ni o […]

Categories
POETRY

SASABRONSAM NE AKROFIMAN

Ɛmmerɛ bi a atwamu Na Agya Sasabronsam kuro ne Akrofikuro bɔ hoObiara a ɔwɔ Akrofikurom tuu wɔn abusuafoɔ fo …sɛ wɔn nhwɛ wɔn ho yie wɔ Sasabronsam hoEnti na wɔn da to wɔn pono mu danwii …ansa owia akɔtɔWɔn ne wɔn mfɛfoɔ na ɛkɔ afuomuKɔ nsuomuMpo kɔ gya wɔn nanNso na mentimehoase na ɛyɛ wɔn […]

Categories
POETRY

NYA AKUKUDURO

Sɛ me yɛ wo mpa a …bɛ yi me nnasoɔSɛ me yɛ wo gya a …fa nsuo bɛ dum me Sɛ me yɛ w’ataadeɛ a…bɛhyɛ me kosi me gu muSɛ me yɛ wo nsuo a …sɛbi, bɛdane me wo gyonsɔSɛ, sɛbi, wo gya wo nan nkoaa deɛ…wotumi we me nkaseɛ, sɛ me yɛ wo nam […]

Categories
POETRY

ABIBIMAN

MeM’atɔn ɛkɔm de agye nnɔbaeM’adaadaa akɔm de adɔ wɔ AdaeM’ahwe nsukɔm asom de aso nananom nnaeSɛ wo de wo fɔm ma me a, medua bayie atwa ahenman B.Me,M’afro afrɔtɔ akɔbɔ nkɔtɔM’asɔ asɔsɔ de apam apɔsɔM’afam ɛban abubu no afrɛ hannSɛ wo de wo tan ma me a, medua ama n’aso ɔdɔ D. Me, M’asom owuo […]

Categories
POETRY

ƆBAA

ƆbaaMmarimma bi te sɛ abrɔ afidieEnti mfa suban bi sɛ agrɔ na yɛ ahwɛyieMfa mmɔfra adwene ntena aware bɔne ho mpiri asiesieEfirisɛ wo wu a…yɛ bɛtumi asu asuo po nso ɛfɔm na ɛde wo bɛkɔ akɔwie B.Ɔbaa eiSɛ ɔma ne nsa so ɛnɛ na anka wo aƆkyene deɛ bɛtumi asam w’adwene ama wo adane n’akoaƆbaa […]

Categories
POETRY

AMANIƐ A ETRU MMA

Amaniɛ a etru baƐne amanyɔfoɔ akatua a ɛforo ban…si adan de bɔ wɔn ho banƐne adwumayɛfoɔ akatua a erewiawia nso entumi nnuru aduane pono soN’asombɔ ne animdefoɔ a wɔn pɛ sɛ wɔn pia…adwumayɛfoɔ kakrawa no kɔhyɛ ohia yɛfunu mu Amaniɛ a etru baƐne amanyɔfoɔ a wɔn awidare wɔ kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ mu…san tru takashi de […]

Categories
POETRY

EWIASE

Ewiase te sɛ nteaseɛ nkyiayɛEmu tena yɛ yaEnti na etire hia adwene…honam hia ahwɛyie banbɔƐna akoma hia ntoboaseɛ boɔ…de adi nyinkyɛ B.Ewiase yɛ hu o Ɛyɛ hu te sɛ sasrabonsam a onni ahumɔbrɔ se…nankapɛsɛ w’akonya akrɔkrɔ mmɔwerɛEnti na pɛtɛ nam yɛ amanfoɔ tan san nso yɛ Sikaman nyinaa akyiwadeɛ…nanso prako nam yɛ ebinom dɛ noNa […]

Categories
POETRY

ME NNWIN

Me nnwin te sɛ sirkye ahoma anaa atentenhuo…a emu yɛ duruKakraa bi yɛ bebree…nso aman foforɔfoɔ nhunuNeɛ me twi mu a ɛbɛgu m’akyi noTe sɛ nea ɛɛyɛ ayɛ obi tikwaƐyɛfɛ yɛ duru…ɛyɛ aduro yɛ banbɔ B.Ahuhuro nyɛ adeɛ a ɛnene bɔNso awɔ mu no…ɛyɛ etire ataadeɛMe bɔ a…ɛtisɛ nea m’ama no mframa kwanMe gyae gu […]

Categories
POETRY

AMANBƆFOƆ

Amanyɔfoɔ nnyɛ anyame…na y’asom wɔnWɔn yɛ asomfo a kokrommoti ayiyi wɔn sɛ wɔn nsom ɔman no …wo ne me kokromotiEnti ɛnnane akoa mfa asrɛ mpia wɔn ahommasoɔ…ɛmma ɛnnane ɛbɔbrantan …ensi w’atennie kwan IIAmanyɔfoɔ nnyɛ adefo kronkronƐkwanyieNsubɔNkanea ntwatomuAsukuu sieNnyarewa nsosɔano…ne nea ɛkekaho nyinaaYɛ wo ne me nkakrawa a wɔn asam firi yɛn mfifire mu Wɔn bɔ […]

Categories
POETRY

ANIBRƐ ANWENSƐM

Otɔtorɔbonsu eeei! Krɔno mframa a etruba ɛrɛbɔAma kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ adane wɔn kyekyere ntamaƐrebubu yɛn banbɔ nnua…ɛde rebɔ nkyirimma duaKununom adi abrɛ …ama wɔn afrɛ yerenom erebɛ bubu yɛn aprɛKrubinsin amanmuo! Ɛkabinsin adwosuo! Ɛborɔ dunsin ano nsuo…adane agyanombinsin ntasuo! Ama wo man Ghana adane Amabinsin a ɔreti nisuoAni anhunu sɛ ɛka adane ɔkyɛm ɛrekyekyere yɛn […]

Categories
POETRY

OKOKOSIKO

OkokosookoWo fie anwia ase boɔ na suro…enyɛ nwuramuboɔ B.OkokosiakaWo ntama mu ka na ɛdane ahoma kyekyere woƐnyɛ nea etim obi honam so D.OkokokrokoWo fie akokonini na hwɛƐnyɛ nea ɔɔbon wɔ obi bɔn mu E.OkokoberantanOdwan a ɔdane gyata ho ɛyɛ hu sene ahaban ase ɔkyereben Ɛ.OkokosankareEfie gya dum na ɛsoro gya dum a …ɛnkyerɛ sɛ adwene […]

Categories
POETRY

ADWUMADEN

Ebi resu te sɛ anantwie…pɛ sɛ wɔn yɛ kɔkɔɔ te sɛ esieEbi resu te sɛ ampane…pɛ sɛ wɔn yɛ tuntum abraneEbi de ɔyiaw te wiase te sɛ nea wɔn apira…efirisɛ wɔn ne tintin abɔ abiraEbi de ehu na ɛhwɛ ɛfɔmEfirisɛ tintin ɛne wɔn eedi akɔmNana Nyame nkutukwii sene n’abɔdeɛ nyinaa! B.Ebi anya sika ɛrepiri nkwa…suro […]

Categories
POETRY

KA NI A KA BA

Mframa wuo a ɛɛbɔ wɔ wiaseAma ano ahyehyɛ ntaade…de hwan ni -hwan ni aba wiaseAma wiamua wuo adane brisi ahyɛ yɛn ataadeEnti yɛ ahwɛyie B.Yareɛ yi ka ni ka baYareɛ yi ka si ka wɔfaYareɛ yi kum asɔfoɔ …kum nnipa-abɔfoɔYareɛ yi nnim mpayindie…nsuro asomfieYareɛ kyere wɔ Abosomfie…kyekyere asomfo wɔ KramofieYareɛ nni ahumɔbrɔ mma awisia…nankampɛsɛ ahunu […]

Categories
POETRY

OWUO AANFƐRƐ – Ama Antwiwaa Nkae Anwensem

Na anka wo yɛ nsoroma a wo da yɛn wiemuNa wo sereɛ hyirɛn sɛ anɔpa wiaNa anka wo yɛ ɔsrane a wo bɔ yɛn sum guNa wo kanea te sɛ akyerɛkyerɛkwanNa anka wɔ yɛ mframa dɛ…yɛ mpata deWo ho akɔnɔ kyiran abufuwNti ɛbaanesɛn na owuo aanfɛre…ate wo tɛ agya yɛn nisuo yi? B.Owuo di ni…di […]

Categories
POETRY

ME TI ME HO ASE A MENPƐ

Ɛmmrɛ bi a atwa mu Na Mentimehoasefoɔ ɛne Metimehoasefoɔ ti koro korɔ mu Na akasa akasa wɔ wɔn ntɛm deɛNso Metimehoasefoɔ gyina pintinn…de kasa dɛ tɔɔ asomdwoe ma asetena yɛɛ dwoodwooKosi sɛ nsutɔbrɛ de ɔhaw kɛseɛ bi bɛtoo wɔn soMetimehoase panyin de adwenpa baa sɛWɔn ntase nuabenane a mframa de abufuwhyew atutu afiri asaase so […]

Categories
POETRY

ABIBIRE MU APOPOBIBIRE

Abibiman nyinaa adane onnibie Ama ohia apopobibire asi yɛn wɔ mantwia so …te sɛ nea mfɔtiɛ si wɔn sie Ama mmoadomma nyinaa bu yɛn atantandeɛ …san ewurawura yɛn mu…ɛwia yɛn pasaaAbibire mu apopobibire! B.Mpo nsuwa nsuwa nyinaa da ayiya a efi ɛretwetwa wɔn meneA wɔn dawuro a ɛɛpae daakye nsukɔm …ɛntɔ aso biara muƐnɛ yi, […]

Categories
POETRY

WIAMUA OWUO

Owuo de ɛkɔm eedi akɔm…ɛwɔ ateasefoɔ mpɔ muOwuo de nkwa adane ɛkwan…ɛwɔ nnipa aman muOwuo de nsukɔm eepia nisuo…ɛwɔ nkwa ajosuo yi soNso nnipa a wonni tumi…wo fa he kɔ ko? B.Owuo bɔ hu oooƐɛkyere w’adɔfoɔ no na ɛɛbɔ wo nkae!Owuo hoɔ hu oooƐmene w’atamfoɔ no na ɛde ahi ɛɛbɔ wo nkae!Owuo hoɔ hene oooƐfa […]

Categories
POETRY

AGYA TUA DUA

Agya tua dua nso ontumi nnua ntiAmanfoɔ si no huu de aniwuo kyekyere n’abatiEbi frɛ no ɔbaa basia Ebi frɛ no ɔba kwasiaEbi frɛ no akokɔ mɛsaEbi frɛ no…ahuhuro mu awɔNso agya tua dua a Nyame ankasa adua B. Sɛ nka nnipa yɛ Nyame a Anka me tiboa betumi aboa wɔn huro yi Sɛ anka […]