Sɛ yɛka sɛ obi yɛ adwaman a Na ebinom de wɔn som adane wɔn tɛkrɛma sekan nufanu …ɛɛkɔ dwedwa wɔn Nanso adwaman, wɔ m’ani so no, nkyerɛ obi a w’asi n’ayaase waduro …anaa wɔma Ɛdi ɛɛwɔ ɔdɔgorɔ bankye a …ɛwɔ obiara ayaase asaase so Adwaman nso kyerɛ wɔn a wɔde kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ dwedwa wɔn […]
Tag: #AkanPoems
Mede kɛntɛn adi ɔbɔmɔfoɔ tintin gramoo bi akyi …agye ngyegyesoɔ ne nsɛmbɔ De anidaso abɔ kahyire De adwenkɛseɛ agye bɔhyɛ adi sɛ …ne tuo tintin keseɛ a ɛbram n’abatiriso no Bɛtumi ato akum mmoadoma bebree b Yɛkɔduru kwaebretuo mu Na abrantikwaa nkɔto ne tuo nkum aboa a Sɛɛ etuo yi mu da mpan …emu nni […]
NNIPA MU AHOROW
Yɛ wɔ nnipa mu ahorow Nnipa bi yɛ nkraman Wɔn pɔ wo wo wo wo …nso wɔn nka Ebi nso yɛ nkraman a wɔpɔ ka Woaa dwene wɔn a wɔ pɔ ka wɔ bɔne kwan so Wɔn ano borɔ bɛtumi akum asono bebree …n’ankampɛsɛ ɔdasani b Nnipa bi yɛ mponkye pumɛɛ Nkɔ hɔ o, ɔse […]
KOJO ADANSE KWANTUNI
Na Kojo Adanse a ofiri Adanse …yɛ nnakwansere ni wɔ n’akuraa Ɛna onyaa akwanya …tuu kwan kɔɔ abrokyiriman a ɔse yɛfrɛ no Ka Nɛ Da Anni nna n’ɔsan ba ne nkyi b Adanse abusuafoɔ bɔɔ dɔmpim tesɛ nkranii a wɔn ani asɔ gya …kɔ ne so kɔ bɔɔ no abusua ampɛ yie kwaadu Ɛhɔ a […]
Asaase asebrɛ te sɛ ahuro Nana Nyankopɔn afei na y’ahunu Yareɛ baako atumi aka y’ahyɛ dan mu te sɛ nnomaa a wɔ wɔ buo mu a ebi nni aburo Akyerɛ yɛn sɛ ɔtan yɛ nsɛmhunu Aso y’atia asaase so yiaw koro mu akɔto amaneɛ koro? Anaa y’adwene gu so yɛ bunu? Aso y’ensɛmbɔne werefri sɛ […]
Aso egya pɔn adane agya pɔn …de anibue mfeawa ahwe anyansafoɔ a wɔn adeda …anyane wɔn afiri gyimie mu anaa? Ei! …Obinim Obinim sɛɛ na obi nim o! b Ɔbɔfoɔ a ɔdane bɔmɔfoɔ de nnadaa aboɔ …ahyɛ nyame tuo mu de ɔgyeɛ …adane papa ɛɛhu n’akyidifoɔ aniwa akyi …de kum wɔn yieyɔ we wɔ pɛsɛmenkomenya […]
TUMI ATWEDEƐ
Obi yɛ aburo ma akokɔ bi Obi nso yɛ akokɔba ma akroma bi Obi yɛ akura ma agyinamoa bi Obi nso yɛ akrantiɛ ma gyata bi Ewiase wɔ hɔ yi …ɛtesɛ ahoɔden atwedeɛ Wo wɔ tumi wɔ obi nkwa so …saa ara na obi nso wɔ tumi wɔ wo nkwa so b Enti mma wo […]
AMANƆNE FI
Amanɔni abrane fi te sɛ nnomaa a wɔn takra sesɛ …wɔn ano boaboa yɛ abusua abusua Nwura ne aprɔdeɛ wɔ wɔn kyɛfa Ntoa ne nwurɔba nwurɔba wɔ wɔn abusua Ɛna nkrataa nkrataa wɔ wɔn anoboa Wɔn ho hu nti …nsa biara nnyɛ mfomsoɔ Ngya wɔn nsansa …na mpo wɔn ato wɔn asawuram Wɔ Maple Asaase […]
Sɛsɛɛ kɔhwɛ Nnipa a wɔn adane nkura …eeguane adɔfoɔ adekyɛda te sɛ yarebɔne bi …de ntɔkwa ayɛ wɔn kwan Neɛ ekume koraa ne wɔn sereɛ …a wɔn de bɛ san wɔn akyi …akɔbɔ wɔn adɔfonom tɔdwɛ tɔdwɛ te sɛ anumnum dwei a wɔn tim etirease Haaagya! b Sɛsɛɛ kɔhwɛ Kɔhwɛ anibrɛ gya a asosɔ …te […]
ME WURA KOFI
Me wura Kofi sɛ ɔpɛ ɔbaa tiatia …nea n’afuru sa ne bu ase te sɛ nsuten Na sɛbi, ne tu apagya kakra te sɛ fufu ntoa mienu Ɔbaa a ne nufu gyina gyina hɔ te sɛ asraafoɔ mmabunu II Me wura Kofi sɛ ɔpɛ abaayowa …ɛnyɛ bampanyin Ɔse ɔpɛ abasa a entumi ntwe nan ase […]
APAN DANQWAH
Kwaadu gyampantrudu na ɛfrukutu wɔ mo din ho Ama ‘mia ne bo’ …adane ‘pia n’atikɔ’ Ɛɛbɔ Kwahufoɔ hu …ɛɛma wɔn dane mo santrofie nnomaa …y’ɛkyire mo a ɛnkyire …y’ɛgyae mo a yayaaya b Mo nni nnipa ano yi Ɛnsan ni adekyeyɛ ani yi Yɛbɛyɛden anya mo nyiano? Yɛse Ebola yɛ mo bɔɔla boɔ …a mo […]
Ɔmanbapa ne neɛ n’akoma gyina nkɔsodeɛ so Ɛnyɛ neɛ n’ano da sumina so …ɛɛbɔ gyimeɛ bena de fira ne man b Ɔmanbapa ne neɛ odi ne man ni Ɛnyɛ neɛ ɔde fi adane asiesiedeɛ …ɛɛtɔ nwansena de dwan ne man aso d Ɔmanbapa ne neɛ ɔde nokware sekan …dwedwa kɛtɛaseshɛ ne prɔyɛ mu Ɛbɔ suro […]
Wo de su n’ɛfrɛ obuo Nso wo de obideɛ n’ayɛ ebuo A emu …wo tɔ di …wo tɔ nom …wo tɔ shɛ …wo tɔ sra …wo tɔ tutugu wo ho Nna kra nna yi nyinaa W’adane abrokyire aboduaba …wo kyia esisi wɔn kro mu Ɛbɛ yɛ dɛn na wo deɛ akɔ so? b Saa kasabɛbuo […]