Categories
POETRY

ADWAMAN

Sɛ yɛka sɛ obi yɛ adwaman a
Na ebinom de wɔn som adane wɔn tɛkrɛma sekan nufanu
…ɛɛkɔ dwedwa wɔn
Nanso adwaman, wɔ m’ani so no, nkyerɛ obi a w’asi n’ayaase waduro
…anaa wɔma
Ɛdi ɛɛwɔ ɔdɔgorɔ bankye a
…ɛwɔ obiara ayaase asaase so
Adwaman nso kyerɛ wɔn a wɔde kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ dwedwa wɔn man

b
Enti sɛ wo de hwee ka wo nkontabuo ho
…de gye sika tiridii a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wonom nsuo na wo to ne konkoraa twene baabia nsuo tene a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo de ntrɔ di adanse krumuu a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo de akwadworɔ nkɔ adwuma ntɛm a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo de hu hyɛ amanfoɔ mu de gyegye adaamude a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo kyekyɛ aban nnwuma de ma akrɔnfoɔ a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo tenahɔ yɛ nhwɛhan ma bɔne kɔso a
…wo yɛ adwaman
Mpo sɛ wo de adwenpa tenahɔ ma abɔnefo piri mpanyindie a
…wo yɛ adwaman

d
Efiri sɛ ɔman a wo bra bɔne edi awu no
…nna obi ayaase
Ɛyɛ ɔman a yɛnyinaa ɛti mu
Enti mo ngyae amanfoɔ ayaase hwɛ
…nhwɛ mo man
Ɛno ne y’agyapadeɛ
Ɛno ne yɛn nɛ
Ɛno ne yɛn daakye a yɛde bɛgya yɛn nkyirima
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 8, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “ADWAMAN”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s