Categories
POETRY

KOJO ADANSE KWANTUNI

Na Kojo Adanse a ofiri Adanse
…yɛ nnakwansere ni wɔ n’akuraa
Ɛna onyaa akwanya
…tuu kwan kɔɔ abrokyiriman a ɔse yɛfrɛ no Ka Nɛ Da
Anni nna n’ɔsan ba ne nkyi

b
Adanse abusuafoɔ bɔɔ dɔmpim tesɛ nkranii a wɔn ani asɔ gya
…kɔ ne so kɔ bɔɔ no abusua ampɛ yie kwaadu
Ɛhɔ a na ɔtena wɔn ntɛm yiyii n’adwen maa wɔn

d
Adanse dii nse kaa sɛ
onhunu kuro huyaa te sɛ ewiemu
…a nnipa huyaa ahyɛ mu ma sene Ka Nɛ Da da
Neɛ eku no koraa ne sɛ nkraman a wɔn yɛ aboafoɔ ne nampapabi mma ne manfoɔ bi nom no
…yɛ nnipa koraa sene abrɔfo no
Efiri sɛ mmoa no ndwee wɔn to mpo na sɛbi wɔn ata
Adanse dii nse kaa ntam sɛ
…onsi kuro a aboa ɔtwea di hene wɔ doduoɔ afie mu
…mma wɔn dambɔ no bi nsane no

e
Ɔsan nso de too so sɛ
Kwasi Broni kurom yɛ fɛ deɛ
…nso ohia abaa a ɛwɔ hɔ yɛ nnadebena
…ɛnnyɛ nnuabena a ne man bɛtumi de gyidie ne adwumaden ahye no
Esan sɛ
…wɔn awɔ nnim kyɛwpa ɛna enim awia
Ntaade akɛseɛ na ɛyɛ nnipa ɛdan
…a wɔn hyehyɛ mu te sɛ funu a wɔn nam wɔn nan so
Afei asrɛ fitaa yi nso bi wɔ hɔ
Adanse de nisuo ka kyerɛ wɔn sɛ
…mpo awɔ diawuo mu no
…na nnipa te te nkwankyɛn te sɛ ampɛdieɛ ɛsrɛ kakra de akɔ tɔ nnuane enni dɛ biara

ɛ
Ɔsan de akrɔnfoɔ nkitinkiti nkurobɔ ke kaa ho
Adamfoɔ bebreebe a wɔn atu atese wɔ mmɔntene so
…nso ho nsɛm pii so sɔ so
Owie yɛ no
…na dɔmpim adane nwanwadɔm
Wɔn nyinaa de kyɛwpa dane wɔn ho kɔɔ wɔn afiefiemu
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 10, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s