Kwaadu gyampantrudu na ɛfrukutu wɔ mo din ho
Ama ‘mia ne bo’
…adane ‘pia n’atikɔ’
Ɛɛbɔ Kwahufoɔ hu
…ɛɛma wɔn dane mo santrofie nnomaa
…y’ɛkyire mo a ɛnkyire
…y’ɛgyae mo a yayaaya
b
Mo nni nnipa ano yi
Ɛnsan ni adekyeyɛ ani yi
Yɛbɛyɛden anya mo nyiano?
Yɛse Ebola yɛ mo bɔɔla boɔ
…a mo hiridi de bo bɔ yɛn widieɛ
Ɛna Corona yɛ mo duabɔ
…a mo kankye de supa yɛn ahoɔden
…de frɛ owuo ma yɛn meretia mu
Yei nyinaa nso de amaneɛ n’abrɛ adasama
Mo honam ntwanum kakra nti!
d
Aso ɛyɛ suro a Nana Nyankropɔn ɛɛtɔ
…abɔ mo ho ban anaa sɛ mo nhyehyɛyɛ?
Aso atowerɛnkyɛm yi egyae mo sereɛ anaa ose?
Sɛ ɛyɛ saa a,
…ɛneɛ me nya mo se ne sereɛ ahwɛ!
e
Mma mo serehehe ɛnyɛ jejejeje dieɛ
Efirisɛ neɛ ɛse nka
…na aniwa suro
Tɔ ɔtan a ɛbɔ owuo pɔ wɔ adwene nyinaa mu
Moregye din, gye din, gye din yi
…ɛnkyɛ na yɛɛ hye m’ase te sɛ ɛsrɛ dwanyɛ wɔ awia dua so!
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 7, 2020