Yɛ wɔ nnipa mu ahorow
Nnipa bi yɛ nkraman
Wɔn pɔ wo wo wo wo
…nso wɔn nka
Ebi nso yɛ nkraman a wɔpɔ ka
Woaa dwene wɔn a wɔ pɔ ka wɔ bɔne kwan so
Wɔn ano borɔ bɛtumi akum asono bebree
…n’ankampɛsɛ ɔdasani
b
Nnipa bi yɛ mponkye pumɛɛ
Nkɔ hɔ o, ɔse sɛ me firi hɔ aa nie!
Kasa ntumi ntia wɔn, agyesɛ abaa
Abaa mpo no
…puu puu puu na wɔn ahuriuri asisi fam sei kiren kiren!
Na wɔ di mirika ɛɛsan akɔgoro wɔn bɔne mu
d
Nnipa bi yɛ mprako
Suminaso na wɔn nya wɔn agyapadeɛ ne wɔn ahosɛpɛ
Nti neɛ ɛyɛ aniwuo nnyɛ wɔn aniwu
Neɛ ɛyɛ tan nnyɛ wɔn tan
Wɔn nam bɛyɛ dɛ nso, sɛbi, wɔn fra nnipa
Wo bɛyɛ dɛn akum wɔn?
e
Nnipa bi yɛ nguan
Gyimi bata wɔn akoma ho
…tesɛ neɛ bɔnyuma bata brɛboɔ ho no
Wɔn hia adikanfoɔ nkyerɛkyerɛ
…ansa na wɔn atubata anaa mpo wɔn apupa wɔn tia fi
Nti wɔn adwene te sɛ ntama a ɛsɛn ahoma so wɔ mframa mu
…ehu kɔ ha
…na ahu aba ha
Neɛ obɛtumi ɛde kasa dɛ ato wɔn tirimu biara yɛ wɔn wura
Ɛyɛ asɛm o!
ɛ
Nnipa bi yɛ mpɔnkɔ
Adwuma den n’ɛne wɔn wideɛ gye
Ɛneɛ yɛɛ tena wɔn so
…de neɛma agu wɔn so ne wɔn amirika yɛ baako
Mpo ɛboro kanyan wɔn brɛ, nti fa abaa ka no, wobɛti-
…kirikiri kirikiri kirikiri!
f
Nnipa bi nso yɛ nsomoro
Sɛ wɔ timtim amanfoɔ ho ɛɛtwi wɔn mogya aa nie
Wɔn nom nom nom kosi sɛ yɛbɛti wɔn abɔ wɔn sɛɛ tɛ
…anaa ato wɔn atwene ama y’atiatia wɔn so, ebi nso tumi kɔ tɔ afoforɔ ho kɔ tua so
g
Nnipa bi yɛ ngyinamoa
Wɔn de wɔn ho bɛtwi wo paa
…nso wɔn bu nsɛm a ɛɛkɔso nyinaa anikyie
Nti wo ho asɛm bɛtumi akyin mmea bebree ansa n’abɛtɔ w’asomu
Fakɔ adwendwen mu
…sɛ ɛyɛ owuo bi a…
h
Nso nnipa bi yɛ akoreɛ
…wɔn wɔ abrabɔ mu ahoɔden
…daakye aniwa
…ɛne adwenpa ntaban nso yɛbu wɔn akyɛm
Ebi nso yɛ apatuo
…wɔn wɔ ɔwen aniwa wɔ mpo anadwosuo mu, nso yɛ bu wɔn mmusuo
Nnipa bi nso yɛ abuburo
…efi nka wɔn da nso yɛbu wɔn nkyerɛho
Nnipa bebree na ɛwɔ wiase
…nso abɔne fo no kyɛn apapa fo wɔ yɛn afa ha
Ɛno na ɛɛsɛi yɛn adaepa
…ɛɛmim y’anidasoɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 24, 2020