Me wura Kofi sɛ ɔpɛ ɔbaa tiatia
…nea n’afuru sa ne bu ase te sɛ nsuten
Na sɛbi, ne tu apagya kakra te sɛ fufu ntoa mienu
Ɔbaa a ne nufu gyina gyina hɔ te sɛ asraafoɔ mmabunu
II
Me wura Kofi sɛ ɔpɛ abaayowa
…ɛnyɛ bampanyin
Ɔse ɔpɛ abasa a entumi ntwe nan ase
Enti ɔnpɛ me bio
III
Nso me wura Kofi ewerɛ afri sɛ me wɔ ani
…a ɛpɛsɛ ɛhwɛ y’afunu a ɛtesɛ nsuo apampamu a
…ɛne mframa ɛɛguro ɔdɔgrɔ wɔ asomdwoe mu
Ɛnyɛ neɛ ayɛ sɛ amansan ɔfam kukuo eesum akɔtɔ fɔm
Me wura Kofi ɛwere afri sɛ me wɔ nsa
…a ɛpɛsɛ enunu nwini a ɛwɔ apanpam, ɛnyɛ neɛ ayɛ te sɛ Papa Ajasco momaso
Ne were afri sɛ me wɔ ayaase ɛpɛsɛ edi kwadu bunu
…ɛnyɛ neɛ abrɛ ɛɛsɛi a ehia nkenyan nkyenehyɛ
…ansa y’ate ne dɛ kakra
IV
Me wura Kofi dwene sɛ ɛfuɔ nsa ɛɛdɛ
W’adane me ɛfuɔ enti ɔɔwe me bra gyidie nsa koraa a, ɔnhwɛ ne deɛ koraa
Nso ewiase wɔ hɔ yi
Krowa a ɛma wo nsuo wɔ ne babunu mu kosi nemprɔyɛ mu no
…y’ɛnyi no mma
…efiri sɛ wo ho hyiw ka nedwanyɛ ho
Abawoɔ twa nnyɛ twa kitiwa
…na ɛnanom abɛgye atwiitwi wɔ wɔn kununom anum
Sɛ anka mmarima tumi nyim wo a
…ɛhɔ n’anka yɛbɛhnu nea oyin fata no wɔ abrabɔ yi mu
Abufuwsɛm akwaakwa!
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 13, 2020
4 replies on “ME WURA KOFI”
Reblogged this on The God of Super Freaks .
LikeLiked by 1 person
You friend are nominated for the real neat blogger award!
https://brotherscampfire.com/?p=1509
LikeLiked by 1 person
Thank you very much.
LikeLike
Quite Welcome!
LikeLiked by 1 person