Animtia nnyɛ ɛsom aduro
Na asomfo anom de wɔn kotodwe
…ananti ɔyiaw mmosia so dabiaa
Animtia wɔ hɔ yi, ɛtesɛ nsuo
…sɛ ɛtae apɔnkyerɛni a
Ne mene mu kwan bubu te sɛ Jɛriko Afasuo no
…ma nsu gurunyee no dani nsu fi
…gye wuɔ bɛgu awuranom nan ase
Nti dwene san dwene bio
…ansa w’abu wo yɔnko animtia
B.
Nnipa odwan betumi adani apɔnkye
…sɛ animtia min noa
Nnipa ɔtwea betumi adani gyata
…sɛ animtia min noa
Nipa kɔkɔsakyi betumi adani ɔkɔreɛ
…sɛ animtia min noa
Nti mfa tumi ntwi asomfo wɔ animtia abosia so
…ndwene sɛ wɔn de obuo bewu wɔ ɔsom mu
Nnipa biara wɔ banbɔ brɔ
…wɔ n’akoma mu
D.
Enti fa ahumɔbrɔ ne tima
Yieyɔ ne nnipasom bɔ bra, sɛ mpo wo yɛ ɔmanpanyin a
Na fa adwenpa ne obuo ma w’asomfo
Efirisɛ aboa akokɔ nni se a
…ɛnkyerɛ sɛ ontumi mfa n’ano nsosɔ wɔ anibere mu
Animtia nnyɛ sumyɛ
…na asum adeda asomfo wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu
Enti awura ne nwurabanom a mo te agua akɛseɛ so
…mo nnyɛ ahwɛyie
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 6, 2020