Atowerɛnkyɛm ato ɔdɛnkyɛm …ama asuo atwa n’asuo …asaase atwe n’asɛn Ama ewiemu nkoaa n’akɔyɛ n’anidasoɔ Nso mmoanoma a wɔ wɔ ntaban nyinaa akyiran no …enti ɔbɛyɛdɛn atu akɔdan soro? II Asuo se ne honam nnyɛ hwitahwita …nso moanoma a wɔn de sen no de bebree gu asuo kokoso Asuo se n’anum wɔ se huhuuhu …n’ɛnso […]
Tag: #TwiPoetry
AMANƆNE FI
Amanɔni abrane fi te sɛ nnomaa a wɔn takra sesɛ …wɔn ano boaboa yɛ abusua abusua Nwura ne aprɔdeɛ wɔ wɔn kyɛfa Ntoa ne nwurɔba nwurɔba wɔ wɔn abusua Ɛna nkrataa nkrataa wɔ wɔn anoboa Wɔn ho hu nti …nsa biara nnyɛ mfomsoɔ Ngya wɔn nsansa …na mpo wɔn ato wɔn asawuram Wɔ Maple Asaase […]
Sɛsɛɛ kɔhwɛ Nnipa a wɔn adane nkura …eeguane adɔfoɔ adekyɛda te sɛ yarebɔne bi …de ntɔkwa ayɛ wɔn kwan Neɛ ekume koraa ne wɔn sereɛ …a wɔn de bɛ san wɔn akyi …akɔbɔ wɔn adɔfonom tɔdwɛ tɔdwɛ te sɛ anumnum dwei a wɔn tim etirease Haaagya! b Sɛsɛɛ kɔhwɛ Kɔhwɛ anibrɛ gya a asosɔ …te […]
ME WURA KOFI
Me wura Kofi sɛ ɔpɛ ɔbaa tiatia …nea n’afuru sa ne bu ase te sɛ nsuten Na sɛbi, ne tu apagya kakra te sɛ fufu ntoa mienu Ɔbaa a ne nufu gyina gyina hɔ te sɛ asraafoɔ mmabunu II Me wura Kofi sɛ ɔpɛ abaayowa …ɛnyɛ bampanyin Ɔse ɔpɛ abasa a entumi ntwe nan ase […]
APAN DANQWAH
Kwaadu gyampantrudu na ɛfrukutu wɔ mo din ho Ama ‘mia ne bo’ …adane ‘pia n’atikɔ’ Ɛɛbɔ Kwahufoɔ hu …ɛɛma wɔn dane mo santrofie nnomaa …y’ɛkyire mo a ɛnkyire …y’ɛgyae mo a yayaaya b Mo nni nnipa ano yi Ɛnsan ni adekyeyɛ ani yi Yɛbɛyɛden anya mo nyiano? Yɛse Ebola yɛ mo bɔɔla boɔ …a mo […]
Ɔmanbapa ne neɛ n’akoma gyina nkɔsodeɛ so Ɛnyɛ neɛ n’ano da sumina so …ɛɛbɔ gyimeɛ bena de fira ne man b Ɔmanbapa ne neɛ odi ne man ni Ɛnyɛ neɛ ɔde fi adane asiesiedeɛ …ɛɛtɔ nwansena de dwan ne man aso d Ɔmanbapa ne neɛ ɔde nokware sekan …dwedwa kɛtɛaseshɛ ne prɔyɛ mu Ɛbɔ suro […]
Abena mensɛm Akonya asɛm W’agyina mmra ntɛm Akɔpɛ ne ho asɛm Afei adidiatɛm …n’agye ne nsɛm Ɔno a ɔyɛ amamasɛm b Sɛ wo pɛ ntɛm …wɔ abrabɔ nsɛm Na wo tu pɛnsɛ …te sɛ atropi aburo a Wo puro gu fam …ma nɔti susɔ wo Ammantɛm ngyina mmransɛm nnyɛ amamasɛm d Onyansani n’ehunu abotesɛm wɔ […]
Wo de su n’ɛfrɛ obuo Nso wo de obideɛ n’ayɛ ebuo A emu …wo tɔ di …wo tɔ nom …wo tɔ shɛ …wo tɔ sra …wo tɔ tutugu wo ho Nna kra nna yi nyinaa W’adane abrokyire aboduaba …wo kyia esisi wɔn kro mu Ɛbɛ yɛ dɛn na wo deɛ akɔ so? b Saa kasabɛbuo […]