Me aaa me nie!
Ɔbaa a osi pi si ta
Me honam nahanahanahanaha te sɛ brɔde a asunsɔn
Akrɔnfoɔ ama adundɔn
…akyekyere me ntini
Nso me yɛ ɔsrane, yɛ awia
A ɔkrɔmfoɔ biara ntumi nwia
B.
Me aa me nie!
Nhwinie yɛ me krotia
Agudie yɛ me ntama
Abɔdeɛ ne ne mmɔɛ da me da
Mogya dieɛ,
…me wɔ nea ahoɔden aboɔden ahyɛ mu ma ma
Nso,
…amamasɛm asum akɔdi mpɛnsɛmpɛnsɛm mu bɔne
…ama me mogya pa bebree akɔdi baabi baabi
Aa aman afofrɔ de emu ahoɔden ɛɛsɔ wɔn mpuntuo nkanea
Nso Nananom de nyansa nyaniyɛ bɛba dabi
D.
Me aa me nie!
Asomdwoe apaawa a me hyɛ dɔm kawa
Aware aware bebree ama m’anim ayɛhare deɛ
Nso me firi baabi a ɛware
Nhyɛso bɔne akeka me mfefɛ so
Ama amanbɔfoɔ ne amanfrafoɔ ɛne me atintim a na wɔ pɛ sɛ wɔn ka me hyɛ
Nso aankosi aga
M’ahwɛsofoɔ nnya nyaa mpuntuo anibue diɛɛ
Nso m’ahoɔfe ne m’ahohogyie bɛ tete wɔn da bi
Na me yiaw ne m’apenesie aka wɔn akoma
Ama nsakrayɛ akyikyiri wɔn kra
E.
Me aa me nie!
Dua brane a me sene dua broni
…nso me nam nsa pan wɔ ohia nsutɔ mmrɛ mu
Me hyiren sɛɛ tuum
San bae sɛɛ tɛtrɛɛ
M’agyefoɔ wɔ akyirikyiri nso me mmrɛ da
Me de m’ahoɔden bɛsoa me haw
…kosi sɛ mekɔnmu haw bɛka me mma a wɔn apasa nyinaa
…ama wɔn de nkabomu abɛsue me
…apupa me nisuo
Ɛ.
Me a me nie!
Nufuoɔ a ennim kɔm
…mpo na n’emu nsuo akɔ we!
Ɛtoɔ gyampantrudu a etru dɔm de de akɔm!
Me aa me nie!
Me ne me ne man!
Enti mo mmɔ me ho ban
Na m’ahahan
…na ɛyɛ mo ayaresa
Me ho nsuo na ɛyɛ mo mogya
Me kankɔ na ɛbɛ nyane mo buo
Na atutu animguase buo a ewiase de akyiran mo no
Me aa me nie!
Me ne me ne mo man!
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 26, 2021
Categories
2 replies on “ME NE ME NE MAN”
Mum-C is phenomenal. Unlimited. I think versatile isn’t the word I’ve been looking for…
LikeLiked by 1 person
🙏🙏🙏💙
LikeLike