Ɛmerɛ bi a atwamu
Ɔpramire wɔre ne ho wɔ petee mu
…maa mmoa nwansan
…akokɔ
…ne ɔdenkyɛm hunu yɛ
Ɔpramire honam fɛfɛɛfɛ a ne ho wurɔ yi kyerɛ mmoa no
…ma wɔn yɛ wɔn adwene sɛ
…wɔn nso bɛ wurɔ wurɔ wɔn ho
B.
Mmoa no nyinaa kɔɔ bɛn korɔ mu kaa sɛ
…ɔdɛnkyɛm na ne ho yɛ dene san yɛ hu
…enti ondi kan
Ɔdɛnkyɛm wurɔ ne ho a pɛ
…na nwansena tu dii n’akyi
Akokɔ amma ɔdɛnkyɛm atowerɛnkyɛm ammɔ ne kɔkɔ
Ɔno nso tutuu ne ntakra nyinaa
Afei na n’afɛfoɔ nhu no mpo
…n’ankampɛsɛ wɔn abu no
Afei nso na ɔntumi ntu nkɔ wiemu bio
Nwansan de serehehe kaa sɛ
…”mo na mo ti nnyɛ
…me ti nwuramu nti me nso metumi awurɔ me ho te sɛ ɔpramire”
Ɔwurɔ ne ho a pɛ na mogya piram no maa nwansena de ayeyi nnwom tu guu ne so
Mogya no mpanpan kɔ nyane gyata
…ma no bɛ kyere no we yɛ
D.
Ɔdɛnkyɛm ne akokɔ hunu saa a pɛ
…na wɔn se “ɔtwe ma yɛn nnyua ɛ”
…ɛneɛ amirika a ɛkɔɔ Twi baa Brɛman nyinaa wɔn kɔɔ bi
Ɔdɛnkyɛm de tuu ne ho sɛ
…asaase aangye no a, nsuo mu bɛgye no
Ɔtoo ne ho ɛɛkɔtɔ nsuo mu a pɛ
…na n’afɛfoɔ sɔɔ ne nam wɔ wiemu
…tetee no sɛɛ pasapasapasa
Akokɔ de nnuhoo kaa sɛ
…me hunu yɛ anka
N’ano ansi koraa na akoroma sane firi wiemu
…bɛkyere no we yɛ
Aboa pɛtɛ a na n’ani di wei nom nyinaa akyi no
…de awerɛhoɔ kaa sɛ
…ɛnyɛ nea ɛyɛ ma ɔpramire biara
…na ɛyɛ ma mmoadoma nyinara
Amoafowaa Sefa Cecilia © December 4, 2020
For my foreign followers, this is a poem in the Akan Language with a moral not to copy blindly as what will be good for a snake might not be good for a crocodile, antelope or fowl.