Baabi a obi firie
Nyɛ wo haw ase mfifire
Na wo de papa abɔ mu huu huu huu
Agu n’anim ase asan ayɛ huuhuu
B.
Kasa a obi ka
Ɛnnyɛ w’asɛm ho wɔ ka
Na wo de ayɛ aseresɛm
Ama tirimuhweefoɔ de adi nkwasiasɛm
D.
Enti yɛ ahwɛyie
Ma ɔman yi asiesie
Na atiyie yɛ asomdwoe ne ɔdɔ a abuo
Ɛnnyɛ ɔtan ne ohuro ɛne ɛho mpatuwuo
E.
Gyina
…hofama
…akomapa
…ne
…adwodwo akoma so
Fa bɔ wo man ho ban
W’ati me w’aka me
…yɛ ntɔkwa adwosuo a ɛntɔ nhyira nsuo
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 18, 2020