Woretu me mu tokro
Ɛregya me ɔdɔ koro
Na w’asan de adwumasuru asom me surusurusuru agya me suro
De mma du adua me ahokyerɛ kuro
A wo mma me kaprɛ mpo na w’ama me aburo
Kwajo Simpah, nhyɛ me abufuo
B.
Wo de ɔhaw ahyɛ me kaba
De ahokyerɛ ahyɛ me sliiti
Wo de ɔbrɛ abɔ me duku
Asan nso de ɛkɔm ahyɛ me mpaboa
Anso hɔ a, wo de mmaapɛ ahyɛ me kawa
Ɛde akwadwurɔ adane akongua abɛ sua me agya me tipae
Adɛn na wo de kasatintini atɔ animguaseɛ de ahyɛ me asomdeɛ yi?
D.
Woretu me mu tokro
Agya me kuro
Worema me nyarewa de ahyɛ me nnuro
Woresɔ gyakɛseɛ wɔ mmere a yɛn kɛtɛ yɛ atuduro
Asan de mmerewyɛ agya me atiitii
Kwajo Simpah, nhyɛ me abufuo
E.
Efirisɛ ewiase atukwan abɛduru ɛmaa timabrɛ
Ewiase nne adane afiri mmarima aba mmaa
Enti mɛtumi atu pia afa adjan
Akɔbɔ me bra
A adwene mu kadeɛ biara nhyɛ me so
Enti Kwajo Simpa nhyɛ me abufuo
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 22, 2023
Categories