Categories
POETRY

ƐNA YƐ NA

Ɛna yɛ na
Ɛna te sɛ abɛ dua
Wɔn ma yɛn bɛdɛ a yɛ de bɛsua yɛn bra wɔ nkɔsoɔ bra mu
Wɔn ma mmɔfra ɔdɔ mmɛ a emu nsuo tenetene yɛn tɛkrɛma
Wɔn ma wɔn mma nhwɛsoɔ adwennwu ne nnwu
Ma wɔn de adesua de kye de bɔ wɔn bra
Wɔn ma wɔn mma prayɛ ma wɔn de prapra wɔn abrabɔ mu
Wɔn ma wɔn mma nsafufuo ne ne nsa dene
…ma wɔn de sua abrabɔ mu kankɔ ne fɔmbɔ mu asuadeɛ
Wɔn wuo mu mpo no
Wɔn ma nkae akɔkono de kyerɛ sɛ adeɛ wu a
…na ɛnseɛ yɛ

B.
Ɛna yɛ na o
Ɔyɛ wo ntama a wo fra wɔ w’awɔ mu
Yɛ nsayɛm a ɛpupa wo nisuo wɔ dahiada mu
Ɔyɛ wo kanea a ɛkyiren wɔ w’adaebɔnesoɔ mu
Yɛ wo aniwa a ɛkyerɛ wo ɔkwan pa wɔ w’ahoyerayera mu
Ɔyɛ wo nanteseɛ
…yɛ wo sereɛ
San yɛ nsa a ɛde nsɛmbɔ hyia wo nkoguo ne wo nkunimdie


D.
Ɛna yɛ na nti na wɔn abasobɔdeɛ wɔ asaase yi so
Asaase ase, ɛne soro
Enti dware wo na ɔdɔ
Sra no ngyegyesoɔ nku
Hyɛ no abodin papa ataadeɛ
Bɔ no asomdwoe duku
Hyɛ no mpaboa a wo de subanpa ayɛ
Na tutu anigyeɛ ahwamhwamdeɛ gu no so
Efirisɛ ɛna yɛ na
Na ɛna yɛ korɔ
Ɛna yɛ na
…ɔno a ne wo abrabɔ hyɛn
…a wo ka de baa ewiase yi mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 7, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s