Ekuro a enwu tesɛ aboa ohuruyɛ
Ɛma wo ɔyiaw wɔ ne nkekamu
Na ama wo anidaso wɔ ne nhuhuyɛ mu
Nso nhuhuo ne nkeka no bɛdi asesa saa kosi honam mprɔyɛ mu
Sɛ honam no ansɔre anfa anibere ankum aboa no a
Etwa no nnya ahotɔ da
Saa na yareɛ koankrɔ yi akɔyɛ
B
Yɛde ɔbrɛ akata anibrɛ so
Ama mmrɛ ɛɛyɛ yɛn mrɛ
Yɛde amanyɔ ɛkata nokware so
Ama ehu huro eekum adwumaden wɔ mmɔdinmɔ nsɛm
Yɛde yɛseyɛse ne kosi a ɛnkosi
Ɛbra mmra so
Ama ahantan ɛboa Korona yareɛ yi
Sɛ y’anfa yɛn nan ansi fɔm
Anfa y’adwene anyɛ adwuma a
‘Yehunu Y’anka’ koraa anum bɛhunu no
Wɔ ne nkaebɔ mu
D
Ɔman yi hia banbɔ
Ɔman yi hia nkabɔmu
Ɔman yi hia kankrɔ
Ɔ̀man yi hia ayaresa
Enti etire biara nyɛ nea ɛsɛ fata
Mma honam akwaa nyinaa ntoa so
Ɔman no yɛ tesɛ praye a y’akabɔmu a yɛ
De biakoyɛ ntama akyekyere a
Biribiara nni hɔ a yen ntumi nyɛ
Ɔko biara ne hɔ a yɛn ntumi nko
M’agu anwensɛm aba o
Aka nea ɔbɛfa agugu so
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 17, 2020