Categories
POETRY

AKOKƆ ASA WƆ AKROMA KROM

Yɛ se yɛn mmra nantinkwa
…na kro kyea hyɛ me nan yi
Yɛ se yɛn mmra ano nkatumuo
…na kasa ɛgoro m’anum yi
Yɛ se yɛn mmra nsa pan
…na gong gong ɛgoro me nsa ano yi
M’adane ɔpatuo wɔ nnomaa a wɔkɔ anɔpa su krom
Me yɛ dɛn goro serehehe?

II
Ɛnnyɛ abɔfo tuo ano
…na ɔha piri ahumɔbrɔ
Ɛnnyɛ awia hyew ano
…na nkuto piri awɔ
Ɛnnyɛ mframa mmirika tiriho
…na ntakra piri nna
Enti mɛ yɛ dɛn atena asaase yi so?
…Me apataa a m’abɛtɔ nkraman a wɔ te kɔm kro mu?

III
Ɛnnyɛ soronko biara n’ɛyɛ kronkron
Ɛnnyɛ apueyɛ biara na ɛwɔ atɔyɛ
Abrɔ a ɛwɔ ɔtan agoro ano
…ka sɛ oodi w’awu a
W’anɔpa bɛ dum wɔ sum ano
W’awia bɛ wia w’anigye wɔ ewiemu
Na w’anadwo asɔ hann de akyerɛ w’atanfo
…wo mfoni bɔne
Wo papa biara nni hɔ a
…ɛsɔ ne kanea wɔ w’atanfo anim
Yi apae na wo mpuntuo ankɔhyɛ
…w’atanfo nsa yɛm
Amoafowaa Sefa Cecilia © Nov. 29, 2019

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

One reply on “AKOKƆ ASA WƆ AKROMA KROM”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s