A.
Ɔbaa bɛn ni?
Ɔbaa bɛn na ɔkyene agudie ma ne dɔfo yi?
Ɔbaa bɛn na ne nsɛm sombo wɔ n’adɔfo ntɛm yi?
Ɔbaa bɛn na n’adwene ɛne ne kra ɛti wɔn ho ase yi?
Ɔbaa bɛn nie?
Ɔbaa bɛn na nisuo atwa n’asuo yi?
Ɔbaa bɛn na awerɛhow akyeran no yi?
Ɔbaa bɛn na nidie gu no so yi?
B.
Ɔbaa bɛn nie?
Ɔbaa bɛn na m’aniwa erehunu no wɔ ahwehwɛ yi mu yi?
Me nim sɛ, nka meretwamu tɛkrɛma biara ntumi nhyɛ nkɔm sɛ ɔtease
Ɔbaa yi yɛ soronko
Ɔbaa yi ho twa
Ɔbaa yi yɛ ɔsoonɔ a na ne mfie aduonu akyi nnim sɛ ɔtease!
Na nso ɔbaa yi yɛ ɔbaa a abotrɛ awonoɔ
Esu asuronoɔ
Abrabɔ aduanoɔ
Ama ewiemu atetenoɔ
Sɛ aniwa hunu wo wɔ ahwehwɛ mu yi
Nea mereka akyerɛ wo a ne sɛ
…ɛyɛ m’anigye sɛ merehyia wo, Eno Gyemremedua!
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 21, 2026.