Woɔ Ɔbrempong, woɔ Ɔbrempong
Wo bra ne wo nsa ano nnwuma kyerɛ
Woɔ ɔdenimfo, woɔ ɔdenimfo
W’abrabɔ ne nsa ano nhyehyɛe bebrebe kyerɛ
Woɔ ɔkokodurufo, woɔ ɔkokodurufo
…wo Kasaɛ, ne n’anwumaden kyerɛ
Nti Nyame nhyira tɔ guu wo so sɛ ɛpo
…maa wo nyinkyɛ
II
Wo bɔɔ akatakyifo bra
…enti nea ɛrekɔso yi nka mmra
W’ayie ase na adane ɛhyiɛbrane
…a ɔman nhunu mpo sɛ yɛre kɔ ɔko anaa yɛre kɔ ɔsa
Abrempong-yie na adane akutia-yie,
…ahi-yie,
…mpowa-yie,
…ne kasa-yie yi?
W’akyi nnyɛ fɛ
III
Sɛ nyanbransɛm akata w’abrempongsɛm so yi
Na w’ati me w’aka me adane ahantan akata wo bra frɔmfrɔm so yi,
Me bɔ wo nsammrane wɔ wo mfidie nhyehyɛe
…wo nyumma bebrebe
…wo kuayɔ anibue
Me bɔ wo kra abaso-
Da w’ase wɔ wo nsa ano nyumma ho
Ghanaman anisɔ wo manbapasɛm
Na yɛ ma wo nante yie,
Kɔ da dwoodwoo
Na sɛ wo kra bɛtumi a
…bra bɛ hyehyɛ w’akyi yie
Na boa wo mma nkabom
Nana Safo, nante yie
Wo nnwuma so!
Wo bra pa so!
Gomoa Mpota so!
Ghanaman so!
Ne ewiase nyinaa so!
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 1, 2026. Photo Credit: Google Pics
Categories
APOSTLE KWADWO SAFO