Categories
POETRY

ASƐM SƐ BƐ

Sɛ aniwa mu abufuw tumi kum nnipa a
Anka Abena Jemremedua
…m’awu
Yɛhwɛ me benkum
Hwɛ me nifa
Hwɛ me tiii
Kwɛ m’atikɔ
Te sɛ ɔbonsam asraafoɔ a wɔn ɛrehwehwɛ me mogya
Adɛn a
Ma ti amansan amaango korɔ a esɛn prɔyɛ wiemu
Abena m’ahyi

B.
Na wɔn dwene sɛ me de suro bɛ guane te sɛ ɔpɔnkɔ a w’ati praka
Nso me de abotrɛ tenaa wɔn anim
Hwane m’aduaba fɛɛfɛ
Dii no di trɔ
Wee ne huno mpo
Ɛsan dua naba a odi m’akyi yi
Efirisɛ me nim nea ɔfata me
Me nim ɔhyenkafoɔ a ɔbɛtumi atwi m’afidie akɔduru me min fie
Menim m’akoma aduane
Nti ninkum akekaakeka biara ntumi mmuni me
…mpo na m’apatri atɔ fɔm
Neɛ adeɛ wɔ no
…di no kwan biara a ɔpɛ so
Nti meredi akosi me miiɛ mu
Sɛ m’akoma pene so a
…me di mpo akosi me wu da
Ɛnyɛ amaango asɛm na mereka yi
Fa w’adwene sane nsɛmpɔ yi
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 1, 2024

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

5 replies on “ASƐM SƐ BƐ”

Leave a reply to amoafowaa Cancel reply