Categories
POETRY

AKƆKA ABƐKA ABƐSENE

Konkokoniko kyinkyinii
Aboa Apapu afuru apata asi fɔm
…akɔfrɛ Oguan ne Ɔkraman
Ayɛ n’ano te sɛ asɔsɔ
Akɔdi nkɔmɔbɔne afa aboa Ɔtwi ho
Ama Ɔkraman akɔ pɔ sɛɛ wo wo wo wo
…ama amansan ati

B.
Konkonkoniko kyinkyinii
Mmoadoma nyinaa asu ama Ɔhene Gyata
…afrɛ yie ne nhwehwɛmu ɛdi aboa Prako adi ho kyeame
Ama w’ayɛ asɛm no fi pɔtɔɔ
Akɔfrɛ Ɔtwi sɛ ɔmmɛ yi n’ano

D.
Konkonkoniko kyinkyinii
Afei ntama fi na ɛredi atrɛntwie wɔ apa so yi
Ɔtwi ahoɔfɛ na
ɛredi ninkum mpɛnsɛmpɛnsɛm mu
Nsɛm a ɛnenam abrokyire na adane akurase akokɔ ɛrebɔn wɔ adwa yi ase

E.
Konkonkoniko kyinkyinii
Aboa Apapu na ɛde daminam adane dua
…a kɔbini dura ho
Ɛde amanyɔsɛm asi no frankaa
Ɛde re tu ɔpanyin Ɔtwi din afiri din pa asaase so yi
Nso mpanyin ani hwɛ adani no anika sini

Ɛ.
Adam abibifuo yi mu yɛ mmɔbɔ
…yɛ awerɛho
Nso ɔgyefoɔ ne hwan?
Serehehe nsuobɔne rememene yɛn
Nhwɛhan egya rehyehye yɛn
Prɔyɛ mframa rekunkum yɛn
Nso yɛ ti nkoasom dua ase de yɛn man adani nkurobɔ
Ɛyɛ abofunu
Ɛyɛ asifim
Amoafowaa Sefa Cecilia ©September 15, 2023

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

5 replies on “AKƆKA ABƐKA ABƐSENE”

Konkokoniko kyinkyinii
Aboa Apapu afuru apata asi fɔm
…akɔfrɛ Oguan ne Ɔkraman
Ayɛ n’ano te sɛ asɔsɔ
Akɔdi nkɔmɔbɔne afa aboa Ɔtwi ho
Ama Ɔkraman akɔ pɔ sɛɛ wo wo wo wo
…ama amansan ati

B.
Konkonkoniko kyinkyinii
Mmoadoma nyinaa asu ama Ɔhene Gyata
…afrɛ yie ne nhwehwɛmu ɛdi aboa Prako adi ho kyeame
Ama w’ayɛ asɛm no fi pɔtɔɔ
Akɔfrɛ Ɔtwi sɛ ɔmmɛ yi n’ano

D.
Konkonkoniko kyinkyinii
Afei ntama fi na ɛredi atrɛntwie wɔ apa so yi
Ɔtwi ahoɔfɛ na
ɛredi ninkum mpɛnsɛmpɛnsɛm mu
Nsɛm a ɛnenam abrokyire na adane akurase akokɔ ɛrebɔn wɔ adwa yi ase

E.
Konkonkoniko kyinkyinii
Aboa Apapu na ɛde daminam adane dua
…a kɔbini dura ho
Ɛde amanyɔsɛm asi no frankaa
Ɛde re tu ɔpanyin Ɔtwi din afiri din pa asaase so yi
Nso mpanyin ani hwɛ adani no anika sini

Ɛ.
Adam abibifuo yi mu yɛ mmɔbɔ
…yɛ awerɛho
Nso ɔgyefoɔ ne hwan?
Serehehe nsuobɔne rememene yɛn
Nhwɛhan egya rehyehye yɛn
Prɔyɛ mframa rekunkum yɛn
Nso yɛ ti nkoasom dua ase de yɛn man adani nkurobɔ
Ɛyɛ abofunu
Ɛyɛ asifim
Amoafowaa Sefa Cecilia ©September 15, 2023

Like

It was a good read madamfowaa, but I had to read it the second time before getting subject matter. I didn’t quite understand the last line of stanza E though.

Like

Leave a reply to amoafowaa Cancel reply