Anwanwa anwa
Nsuo agyenkwa
Abenfo gya
Adwareɛ wɔ asuogya
Anwia adwareɛ
Abonsam yareɛ
Wei nom na wɔn de adane asomtɔdeɛ eresum amanfoɔ afidie
…ɛɛprɔ wɔn gyidie
B.
Sɛ ɛyɛɛ yɛ a Nyamesom
…adani nkoasom
Na asɔfoɔ de nyaatwom nkatasoɔ
…abɔ abɔsoɔ
Ɛde homhom fi ataadeɛ ahyɛ Homhom Kronkron
…ahyɛ no mmusuo mpaboa ɔpipi nkron
A adwaman
…nkɔkɔnsa
…asabrɔ
…awudisɛm
…amanmmɔsɛm
Ne nea ɛkeka ho
…ɛde ɛɛkyiran homhom pa te me nsromu
D
Enti yɛbɛyɛ dɛn na y’anya ɔmanpa?
Yɛbɛyɛ dɛn na y’atu mpɔn?
Yɛbɛyɛ dɛn na y’anya ɔkoreɛ ntaban
…de abɔ y’aban yi ho ban?
Asɔfoɔ a wɔn yɛ mmusubɔfoɔ ɛɛdani krapa atɔfokra
Hia homhom pa mfiawa
…de atia atene wɔn
Efirisɛ homhom fi mfoa ɔman nkɔsoɔ so
…n’ankampɛsɛ ɛde mpuntuo apia mmɔdenbɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia © February 19, 2021