Categories
POETRY

HWƐ W’ABRABƆ SO FA YƆNKOƆ

Nwansena ne nsɛmbɔ ntwi mpena
Saa nso na nnwa nni akyekyedeɛ akyi nkɔka nan ntɔkwa
Akokɔba a ɔbɛti atɔ akrɔma dɔ mu no nni daakye
Saa nso na gɔgɔmi ne akokɔbaatan nni maakye
Enti hwɛ w’abrabɔ so fa yɔnkoɔ

B.
Sɛ wo hunu w’ayɔnkogorɔ a
Nyinikyɛ sum w’abrabɔ
Sɛ wohunu w’atanfo a
Wo haw fa no ara ano asi
Efirisɛ wɔn nam anaafoɔ no
…na wo nam atifi
Sɛ wɔn kwan da apue a
…wo bɔ wo kwan fa atɔyɛ
Sɛ mpo abrabɔ mu nsɛmsɛm ma mo bɔ mpunempu a
…wo bɛ nya banbɔdeɛ de atwitwa wo ho
Enti hwɛ w’abrabɔ so fa yɔnkoɔ

D.
Ewiase nne wo banbɔ ka
Na wo de w’ahobanbɔ amano nsɔhwɛ
Awofoɔ nso wɔ bra koro
…enti ɔdɔ pia wɔn ma wɔn de wɔn kra gye wo a
…ɛyɛ ɔgyekorɔ mienu ɛwɔ ɔhaw ɔpipipiipii a wo bɛhyia mu
Enti hwɛ w’abrabɔ so
Hwɛ w’abrabɔ so yie
Hwɛ aaaa hwɛ sɛnea w’abrabɔ tiɛ
Ansa w’afa yɔnkoɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 21, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

5 replies on “HWƐ W’ABRABƆ SO FA YƆNKOƆ”

MO NE YƆ, Cecilia. W’dwene mu abue pii
Asante twi mu no, ‘M’ ne ‘B’ nhyia. MB b3y3 ‘MM’, ‘ND’ b3y3 ‘NN’. ‘NG’ b3y3 ‘NN’.
Please Cecilia is your first name. It’s Cecilia Amoafowaa Sefa. Thank you and God bless you

Liked by 1 person

Pertaining to my name, Nana, it is complicated. The Cecilia is not a name I like. Amoafowaa is my surname, Sefa, my middle name. So the arrangement is very intentional. Thanks for blessing me with knowledge of some of the Akan phonemes. Please do continuously teach more. I’ll gratefully learn. 🙏🙏🙏

Like

Leave a comment