Categories
POETRY

ASƐM SƐBƐ

Atuobi a ɔbɔ kro
W’afro akokɔ abrɛ ne kwan
Kɔ gye ahumie a
…wo se m’akɔfro akɔmfɛm
Na wo betumi agyina ne kwan ano?
Asɛm sɛbɛ!

B.
Atuobi a ɔpiti ɔhaw
W’apam ɔkraman sɛ ne ho kankan
Ani anbɔ tɛtɛ
…wo se me ne atui na ɛgro bro
Asɛm sɛbɛ!

D.
Atuobi a ɔbra mmra
W’abra oguan mmɛɛ
Aso annte dinn
…wo se me dɔ apɔnkye pumɛɛ
Asɛm sɛbɛ!

E.
Atuobi a ɔnte fo
W’aguare ɔtadeɛ mu nsuo atua ahumee
…a anka owuo ɛɛmene wo sɛɛ wuɔɔ
Adwen ankɔ adidi anduru akyire
…wo se ɛpo mu na me pɛ m’adwarebrɛ
Asɛm sɛbɛ!

Ɛ.
Atuobi a otu obi
…kɔ fa abrɔ
Ɔndane ɛbrɔ mpanbrɔ
Hunu ɛkrɔ sɛ krɔno
W’asetena nnyɛ fɛ
W’abrabɔ nnyɛ kann
Na wo suban nso nnyɛ hann
Wo nkwa nna nyinaa yɛ asɛm sɛbɛ!
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 15, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a comment